Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 5:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Ɛnna ɔhene anyansafo nyinaa bae, nanso wɔantumi ankan kyerɛw no ankyerɛ ɔhene ase.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Nanso ɔhene no anyansafo no bae no, wɔn mu biara antumi ankenkan nkyerɛw no, ankyerɛ ase amma ɔhene no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Ɛnna ɔhene anyansafoɔ nyinaa baeɛ, nanso wɔantumi ankenkan atwerɛ no ankyerɛ ɔhene aseɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Nanso, ɔhene no anyansafoɔ no baeɛ no, wɔn mu biara antumi ankenkan atwerɛ no, ankyerɛ aseɛ amma ɔhene no.

Ver Capítulo Copiar




Daniel 5:8
9 Referencias Cruzadas  

Na anɔpa no ne ho hiahiaa no, na ɔsoma kɔfrɛfrɛɛ Misraim kyerɛwfo nyinaa ne ɛhɔ anyansafo nyinaa, na Farao kaa ne dae no kyerɛɛ wɔn, nanso obiara antumi ankyerɛ Farao dae no ase.


Na ade abien yi bɛba wo so afrɛso, mpofirim da koro, mmasigyaw ne kunayɛ; ɛbɛba wo so ma ayɛ hu, wo ntafowayi dodow ne wo kaberɛkyere a ano yɛ den rentumi nyɛ hwee.


Afoa wɔ Kaldeafo so, AWURADE asɛm ni, ne Babelfo so ne wɔn mmapɔmma ne wɔn anyansafo so.


Daniel buaa ɔhene sɛ: Ahintasɛm a ɔhene bisa no, anyansafo, pɛadeahufo, akurukyerɛwfo, nyankonnekyerɛfo rentumi nkyerɛ ɔhene;


Ɔdae yi na me, ɔhene Nebukadnesar, mihui; na afei wo, Beltesasar, ka ne nkyerɛase, efisɛ m’ahenni mu anyansafo nyinaa ntumi nkyerɛ me ase, na wo de, esiane sɛ anyame kronkron honhom wɔ wo mu nti, wubetumi.


Me, Nebukadnesar, mete me fi dwoodwoo, na me ho ka me ho m’aban mu;


Ɛnna kurukyerɛwfo, pɛadeahufo, Kaldeafo ne nyankonnekyerɛfo bae, na mekaa ɔdae no mekyerɛɛ wɔn, nanso wɔantumi ankyerɛ me ase.


Na afei wɔde anyansafo pɛadeahufo aba m’anim, sɛ wɔmmɛkan kyerɛw yi na wɔnkyerɛ me ase; nanso wɔantumi ankyerɛ asɛm no ase.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios