Daniel 5:2 - KYERƐW KRONKRON2 Nsa no baa ani so no, Belsasar kae sɛ: Wɔmfa sika ne dwetɛ nnwinne a n’agya Nebukadnesar akɔfa afi asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no mu no mmra, na ɔhene ne n’aberɛmpɔn ne ne yerenom ne ne mpenafo nnom mu. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm2 Bere a nsa no ama Belsasar ani agye no, ɔhyɛe sɛ, wɔmfa sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nkuruwa a nʼagya Nebukadnessar tase fii Yerusalem asɔredan mu no mmra, sɛnea ɔne ne mpanyimfo, ne yerenom ne ne mpenanom bɛnom mu nsa. Ver CapítuloNew Revised Asante Twi Bible2 Nsa no baa n’ani soɔ no, Belsasar kaa sɛ wɔmfa sika nnwinneɛ a n’agya Nebukadnessar akɔfa afiri asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no mu no mmra, na ɔhene ne n’aberempɔn, ne ne yerenom ne ne mpenafoɔ nnom mu. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm2 Ɛberɛ a nsã no ama Belsasar ani agye no, ɔhyɛɛ sɛ, wɔmfa sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nkuruwa a nʼagya Nebukadnessar tase firii Yerusalem asɔredan mu no mmra, sɛdeɛ ɔne ne mpanimfoɔ, ne yerenom ne ne mpenafoɔ bɛnom mu nsã. Ver Capítulo |