Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 5:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Ɔbarima bi wɔ w’ahenni mu a anyame kronkron honhom wɔ no mu, na w’agya bere so no, wohuu no mu anitew ne nimdeɛ ne nyansa sɛ anyame nyansa, na w’agya, ɔhene Nebukadnesar, de no sii kurukyerɛwfo, pɛadeahufo, Kaldeafo ne nyankonnekyerɛfo so panyin, w’agya ɔhene no ara,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Ɔbarima bi wɔ wʼahenni mu ha a ɔwɔ anyame kronkron honhom wɔ ne mu. Wʼagya Nebukadnessar adedi mu no, wohuu sɛ, saa ɔbarima yi wɔ ntease nhumu ne nyansa te sɛ anyame no. Wʼagya Nebukadnessar sii no panyin wɔ nkonyaayifo, pɛadeahufo, Kaldeafo ne ntafowayifo so wɔ Babilonia.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 Ɔbarima bi wɔ w’ahennie mu a anyame kronkron honhom wɔ ne mu, na w’agya berɛ so no, wɔhunuu ne mu aniteɛ ne nimdeɛ ne nyansa sɛ anyame nyansa, na w’agya, Ɔhene Nebukadnessar, de no sii nkonyaayifoɔ, pɛadeahunufoɔ, Kaldeafoɔ ne nyankonnekyerɛfoɔ so panin.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Ɔbarima bi wɔ wʼahemman mu ha a ɔwɔ anyame kronkron sunsum wɔ ne mu. Wʼagya Nebukadnessar adedie mu no, wɔhunuu sɛ, saa ɔbarima yi wɔ nteaseɛ nhunumu ne nyansa te sɛ anyame no. Wʼagya Nebukadnessar sii no panin wɔ nkonyaayifoɔ, pɛadeɛhunufoɔ, Kaldeafoɔ ne ntafowayifoɔ so wɔ Babilonia.

Ver Capítulo Copiar




Daniel 5:11
19 Referencias Cruzadas  

Na Farao ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Yebetumi anya onipa bi a ɔte sɛ oyi a Onyankopɔn honhom wɔ ne mu yi anaa?


Na w’afenaa se: Wɔmma me wura ɔhene asɛm nyɛ me awerɛkyekye; efisɛ me wura ɔhene te sɛ Onyankopɔn bɔfo a ohu papa ne bɔne, enti AWURADE wo Nyankopɔn nni w’akyi.


hwɛ, woyɛ onyansafo sen Daniel, ahintasɛm biara ankyɛn wo,


wo nyansa ne wo nhumu so na woanya ade afa, na woanya sika ne dwetɛ agu w’akorade mu,


mmerantewa a wɔn ho nni dɛm na wɔn ho yɛ fɛ, na wɔn ani atew, nyansa nyinaa mu, na wonim de na wɔwɔ nhumu, na wobetumi agyina ɔhene aban mu, na ɔnkyerɛ wɔn mma wonsua Kaldeafo nhoma ne kasa.


Na asɛm a ɔhene bisa yi yɛ den dodo, na obi bi nni hɔ a obetumi akyerɛ ɔhene anim, gye anyame a wɔnte adasamma mu no.


oyi nea emu dɔ ne nea ahintaw adi, onim nea ɛwɔ esum mu, na hann ne no te.


Ɔdae yi na me, ɔhene Nebukadnesar, mihui; na afei wo, Beltesasar, ka ne nkyerɛase, efisɛ m’ahenni mu anyansafo nyinaa ntumi nkyerɛ me ase, na wo de, esiane sɛ anyame kronkron honhom wɔ wo mu nti, wubetumi.


na mesoo ɔdae bi a eyii me hu, na me mpa so adwene ne m’anisoadehu haw me.


Enti mehyɛɛ mmara sɛ wɔmfa Babel anyansafo mmra m’anim, na wɔmmɛkyerɛ me ɔdae no ase.


Na mate wo nka sɛ anyame honhom wɔ wo mu, na wɔahu wo mu anitew ne nimdeɛ ne nyansa a ɛkyɛn so.


Ɔhene no teɛɛm dennen sɛ wɔmfa pɛadeahufo, Kaldeafo ne nyankonnekyerɛfo mmra; ɔhene no ka kyerɛɛ Babel anyansafo no sɛ: Obiara a ɔbɛkan kyerɛw yi na wakyerɛ me ase no, wobefura no ɔtankɔkɔɔ, na wɔde sika kɔkɔɔ ntweaban agu ne kɔn mu, na wayɛ nea ɔto so abiɛsa adi ahenni yi mu tumi.


Na ɔman no bɔɔ ose sɛ: Onyame bi nne ni, na ɛnyɛ onipa nne.


Na nkurɔfo akuwakuw no huu nea Paulo ayɛ no, wɔmaa wɔn nne so kae Likaonia kasa mu sɛ: Anyame ayeyɛ wɔn ho sɛ nnipa asiansian aba yɛn nkyɛn.


Na ɛbae sɛ yɛrekɔ asɔre no, abaawa bi a ɔwɔ akɔm honhom behyiaa yɛn; nso ɔde nkɔmhyɛ ma ne wuranom anya wɔn ho sɛ.


Hwɛ, mede ebinom a wofi Satan hyiadan mu a wɔka sɛ wɔyɛ Yudafo na wɔnyɛ, na mmom wodi atoro no mema. Hwɛ, mɛma wɔaba na wɔabɛkotow wo nan ase, na wɔahu sɛ madɔ wo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios