Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 4:25 - KYERƐW KRONKRON

25 Wobetu wo afi nnipa mu, na wo ne wuram mmoa atena, na wɔama woawe wura sɛ anantwi, na ɔsoro bosu afɔw wo, na mmere nson atwa wo ti so, akosi sɛ wubehu sɛ ɔsorosoroni no di nnipa ne ahenni so tumi, na ɔde ma obiara a ɔpɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Wɔbɛpam wo afi nnipa mu, na wo ne wuram mmoa bɛtena wuram. Wobɛwe sare te sɛ nantwi, na ɔsoro bosu afɔw wo fɔkyee. Mfe ason betwa wo ti so akosi sɛ, wubehu sɛ, Ɔsorosoroni no na odi wiase ahemman so, na ɔde ma obiara a ɔpɛ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

25 Wɔbɛtu wo afiri nnipa mu, na wo ne wiram mmoa atena, na wɔama woawe ewira sɛ anantwie, na ɔsoro bosuo afɔ wo, na mfeɛ nson atwa wo tiri so, akɔsi sɛ wobɛhunu sɛ ɔsorosoroni no di nnipa ahennie so tumi, na ɔde ma obiara a ɔpɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Wɔbɛpam wo afiri nnipa mu, na wo ne wiram mmoa bɛtena wiram. Wobɛwe ɛserɛ te sɛ nantwie, na ɔsoro bosuo bɛfɔ wo kyaww. Mfeɛ nson bɛtwa wo tiri so akɔsi sɛ, wobɛhunu sɛ, Ɔsorosoroni no na ɔdi ewiase ahemman so, na ɔde ma obiara a ɔpɛ.

Ver Capítulo Copiar




Daniel 4:25
15 Referencias Cruzadas  

AWURADE de n’agua asi soro, na n’ahenni di ade nyinaa so.


Na wɔsakraa wɔn anuonyam yɛɛ no nantwi a ɔwe wura sɛso.


na mmom Onyankopɔn na obu atɛn, ɔbɛbrɛ oyi ase, na wama oyi so.


na wonhu sɛ wo a wo din de AWURADE no, wo nko ara ne ɔsorosoroni, asase nyinaa so.


Me na mede me tumi kɛse ne me basa a ateɛ meyɛɛ asase, nnipa ne mmoa a wɔwɔ asase ani, na mede mema obiara sɛ ɛteɛ m’ani so.


ɔno na ɔsakra bere ne nna; otu ahene so, na ɔma ahene so; ɔma anyansafo nyansa, na ɔma wɔn a wonni nhumu nimdeɛ;


Wo, ɔhene, woyɛ ahene mu hene a ɔsoro Nyankopɔn de ahenni, tumi, ahoɔden ne anuonyam ama wo,


Ɔhene buaa Daniel sɛ: Ampa ara, mo Nyankopɔn yɛ anyame mu Nyame ne ahene wura ne nea oyi ahintasɛm adi, sɛ woatumi ayi saa ahintasɛm yi adi yi.


Ma n’adwene nsakra, na anyɛ onipa de bio, na wɔmma no aboa koma na mmere nson ntwa ne ti so.


Awɛmfo agyina so na asɛm yi gyinae, na akronkronfo asɛm so na ade yi si, nea ɛbɛyɛ na ateasefo ahu sɛ: Nea ɔwɔ ɔsorosoro na odi nnipa ahenni so tumi, na ɔde ma obiara a ɔpɛ, na ɔde nnipa mu hobrɛasefo si so.


Nsɛnkyerɛnne ne anwonwade a ɔsorosoro Nyankopɔn ayɛ me no, ayɛ me fɛ sɛ mɛka makyerɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios