Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 4:23 - KYERƐW KRONKRON

23 Na sɛ ɔhene huu ɔwɛmfo kronkron bi sɛ ofi soro durui bɛkae sɛ: Montow dua no nsɛe no, nanso munnyaw ne dunsin asase mu, dade ne kɔbere mpokyerɛ mu, petee so wura mu, na ɔsoro bosu mfɔw no, na ɔne wuram mmoa nnidi nkosi sɛ mmere nsɔn betwa ne ti so:

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 “Afei, Nana, wuhuu ɔbɔfo kronkron a ofi ɔsoro reba fam, na ɔreka se, ‘Twa dua no to fam na sɛe no. Nanso, gyaw dunsin no ne ne ntin a dade ne kɔbere akyekyere, na sare atwa ho ahyia no. Afei ma ɔsoro bosu mfɔw no fɔkyee, na ma ɔne mmoa ntena wɔ wuram. Na ma nʼadwene nsesa na ɛnyɛ sɛ aboa de. Na mfe ason ntwa ne ti so.’

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

23 Na sɛ ɔhene hunuu ɔwɛmfoɔ kronkron bi sɛ ɔfiri ɔsoro duru bɛkaa sɛ: Mommu dua no nsɛe no, nanso monnya ne dunsini asase mu, dadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ mpokyerɛ mu, petee so wira mu, na ɔsoro bosuo mfɔ no, na ɔne wiram mmoa nnidi nkɔsi sɛ mfeɛ nson bɛtwa ne tiri soɔ:

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 “Afei, Nana, wohunuu ɔbɔfoɔ kronkron a ɔfiri soro reba fam, na ɔreka sɛ, ‘Twa dua no to fam na sɛe no. Nanso, gya dunsini no ne ne nhini a dadeɛ ne kɔbere akyekyere, na ɛserɛ atwa ho ahyia no. Afei, ma ɔsoro bosuo mfɔ no kyaww, na ma ɔne mmoa ntena wɔ wiram. Na ma nʼadwene nsesa na ɛnyɛ sɛ aboa deɛ. Na mfeɛ nson ntwa ne tiri so.’

Ver Capítulo Copiar




Daniel 4:23
4 Referencias Cruzadas  

Na sɛ wɔkae sɛ wonnyaw dua no dunsin no, sɛ wunya hu sɛ ɔsoro na edi tumi no a, w’ahenni begyina ama wo.


na wɔpam no fii nnipa mma mu, na ne koma yɛe sɛ mmoa de, na ɔne sare so mfurum tenae, wɔma ɔwee wura sɛ anantwi, na ɔsoro bosu fɔw ne honam, kosii sɛ ohui sɛ ɔsorosoro Nyankopɔn na odi nnipa ahenni so tumi, na ɔde obiara a ɔpɛ si so.


Na metee sɛ ɔkronkronni bi rekasa, na ɔkronkronni foforo ka kyerɛɛ obiako a ɔrekasa no sɛ: Da bɛn na daa som ne amamfoyɛ mmarato a wɔde kronkronbea ne asafo no ma sɛ wontiatia so no ho adehu no bɛkɔ akosi?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios