Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 4:22 - KYERƐW KRONKRON

22 ɛne wo, ɔhene a woso na woyɛ den na wo kɛseyɛ dɔɔso kodu ɔsoro na wo tumidi du asase ano no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Nana, mesrɛ ka, saa dua no yɛ wo. Efisɛ, woanya nkɔso, ahoɔden ne kɛseyɛ mu. Wo kɛseyɛ no kodu ɔsoro, na wʼadedi no kɔ akyirikyiri kodu asase ano.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

22 ɛne wo, ɔhene a woso na woyɛ den na wo kɛseyɛ dɔɔso kɔduru soro na wo tumidie duru asase ano no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Nana, mesrɛ ka, saa dua no yɛ wo. Ɛfiri sɛ, woatu mpɔn, ahoɔden so ne kɛseyɛ mu. Wo kɛseyɛ no kɔduru ɔsoro, na wʼadedie no kɔ akyirikyiri kɔduru asase ano.

Ver Capítulo Copiar




Daniel 4:22
18 Referencias Cruzadas  

Ɛnna wɔkae sɛ: Wiɛ, momma yɛnkyekye kurow, na yɛnto abantenten a n'atifi bedu soro, na yɛmfa nnye din, na yɛanhwete asase nyinaa ani.


Na ɔsoo dae, na hwɛ, antweri bi si fam a atifi pem soro, na hwɛ, Onyankopɔn abɔfo di so aforosian.


Ɛnna Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ. Wone ɔbarima no! Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn se ni. Me na mesraa wo ngo na mede wo misii Israel so hene, na miyii wo Saul nsam;


Na AWURADE diyifo bi wɔ hɔ a ne din de Oded. Na ofii adi kohyiaa dɔm a wɔreba Samaria no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, AWURADE mo agyanom Nyankopɔn no abufuw a ɛsɔre hyɛɛ Yuda no nti na ɔde wɔn ahyɛ mo nsa, na mode abohuru a edu soro akunkum wɔn.


Na w’adɔe so tra ɔsoro, na wo nokware du wim tɔnn.


AWURADE, w’adɔe kodu soro, na wo nokware kodu wim tɔnn.


Me na mede me tumi kɛse ne me basa a ateɛ meyɛɛ asase, nnipa ne mmoa a wɔwɔ asase ani, na mede mema obiara sɛ ɛteɛ m’ani so.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Ɔkɔre kɛse bi, ne ntaban akɛseakɛse, ne ntakra atenten-atenten, ntakra nworannworan ayɛ ne ho ma, ɔbaa Lebanon bebuu kyeneduru nkoa;


ɔno na ɔsakra bere ne nna; otu ahene so, na ɔma ahene so; ɔma anyansafo nyansa, na ɔma wɔn a wonni nhumu nimdeɛ;


Dua no so na ɛyɛ den, na ne tenten kodu ɔsoro, na wohu kodu asase nyinaa ano;


na n’ahaban yɛ fɛ na ɛso aba dɔɔso na aduan wɔ mu ma nnipa nyinaa, na wuram mmoa tete ase na wim nnomaa sisi n’abaa so no,


Asram dumien wiee odu no, da bi na ɔnenam Babel ahenni aban so;


Ɛbere no mu ara na m’adwene san baa me mu, na nea ɛbɛyɛ na m’ahenni agye din bio nti, m’anuonyam ne me haran san baa me so, na m’agyinatufo ne m’aberɛmpɔn bɛpɛɛ me, na wɔde me sii m’ahenni so bio, na wɔde tumi a ɛsen kan de no maa me.


Efisɛ Yohane aka akyerɛ no sɛ: Wunni ho kwan sɛ woware no.


Efisɛ ne nneyɛe bɔne atoatoa abedu soro, na Onyankopɔn akae n’amumɔyɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios