Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 4:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Nsɛnkyerɛnne ne anwonwade a ɔsorosoro Nyankopɔn ayɛ me no, ayɛ me fɛ sɛ mɛka makyerɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Ɛyɛ me anigye sɛ mo nyinaa ahu biribi a ɛfa nsɛnkyerɛnne ne anwonwade a Ɔsorosoro Nyankopɔn ayɛ ama me.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ a ɔsorosoro Nyankopɔn ayɛ me no, ayɛ me fɛ sɛ mɛka makyerɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɛyɛ me anigye sɛ mo nyinaa ahunu biribi a ɛfa nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ a Ɔsorosoro Onyankopɔn ayɛ ama me.

Ver Capítulo Copiar




Daniel 4:2
19 Referencias Cruzadas  

ɛnne wode adaeso hyɛ me yaw, na anisoadehu mu na woma mebɔ piriw.


Onyankopɔn, me nkwagye Nyankopɔn, gye me fi mogya ho fɔ mu, na me tɛkrɛma ato wo trenee ho ahurusi dwom.


Woabɛhwɛ asase agugu so nsu, woama ɛso aduan abu so bebree. Onyankopɔn asubɔnten no, nsu ayɛ mu ma, womaa wɔn aburow gyinae, woma esii so sɛ ɛsɛ.


Mo a musuro Onyankopɔn nyinaa, mommra mmetie, na mɛka nea wayɛ ama me kra.


Onyankopɔn, nkwakorabere ne dwen mu nso nnyaw me, kosi sɛ mɛka wo tumi ho asɛm makyerɛ nkyirimma, na maka wo mmaninyɛ makyerɛ wɔn a wɔbɛba nyinaa.


Na Nebukadnesar ahenni afe a ɛto so abien no, ɔsosoo adae bi, na ne honhom ho yeraw no, na n’ani saree dwe.


Ɛnna Nebukadnesar bɛn ogya a ɛrefram fononoo no ano na ɔkae sɛ: Sadrak, Mesak ne Abednego, ɔsorosoro Nyankopɔn nkoa, mumfi adi mmra! Ɛnna Sadrak, Mesak ne Abednego fii adi fii ogya no mu.


Awɛmfo agyina so na asɛm yi gyinae, na akronkronfo asɛm so na ade yi si, nea ɛbɛyɛ na ateasefo ahu sɛ: Nea ɔwɔ ɔsorosoro na odi nnipa ahenni so tumi, na ɔde ma obiara a ɔpɛ, na ɔde nnipa mu hobrɛasefo si so.


Ɔhene, nkyerɛase no ni, na ɔsorosoroni hyɛbea a ɛbɛba me wura ɔhene so ni:


Wobetu wo afi nnipa mu, na wo ne wuram mmoa atena, na wɔama woawe wura sɛ anantwi, na ɔsoro bosu afɔw wo, na mmere nson atwa wo ti so, akosi sɛ wubehu sɛ ɔsorosoroni no di nnipa ne ahenni so tumi, na ɔde ma obiara a ɔpɛ.


Na nna no akyi no, me, Nebukadnesar, memaa m’ani so mehwɛɛ ɔsoro, na m’adwene san ba maa me, Na mihyiraa ɔsorosoroni no, na mekamfoo nea ɔte ase daadaa no, na miyii no ayɛ sɛ: Ne tumi yɛ daa tumi na n’ahenni wɔ awo ntoatoaso nyinaa so;


Ao, ɔhene, ɔsorosoro Nyankopɔn de ahenni ne kɛseyɛ ne nidi ne anuonyam maa w’agya Nebukadnesar,


Ɔne nea oyi na ogye, na ɔyɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade ɔsoro ne asase so, na ɔno na wayi Daniel afi agyata nsam.


Na ɔbɛkeka nsɛm atia nea ɔwɔ ɔsorosoro no, na ɔbɛhaw ɔsorosoroni no akronkronfo, na ɔbɛbɔ ne tirim sɛ ɔbɛdan mmere ne mmara, na wɔde wɔn bɛhyɛ ne nsa, ɛbere bi ne mmere ne bere fa.


Ɛnna Yesu see no sɛ: Sɛ moanhu nsɛnkyerɛnne ne nkonyaa a, morennye nni.


Na Yosua ka kyerɛɛ Akan sɛ: Me ba, fa anuonyam ma AWURADE, Israel Nyankopɔn, na di no ni, na ka kyerɛ me ɛ: Dɛn na woyɛe? Nsiw me so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios