Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 3:25 - KYERƐW KRONKRON

25 Obuae sɛ: Hwɛ, mihu mmarima baanan a wɔasan wɔn sɛ wɔnenam ogya no mu, na wɔn ho ntɔɔ kyima ɛ, na nea ɔto so anan no tebea te sɛ anyame ba bi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Nebukadnessar teɛɛ mu se. “Monhwɛ! Mihu nnipa baanan a biribiara nkyekyeree wɔn sɛ wɔnenam ogya no mu. Ogyatannaa no nhyew wɔn. Onipa a ɔto so anan no te sɛ anyame ba bi!”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

25 Ɔkaa sɛ: Hwɛ, mehunu mmarima baanan a wɔasane wɔn sɛ wɔnenam ogya no mu, na wɔn ho ntɔɔ kyema, na deɛ ɔtɔ so nnan no tebea te sɛ anyame ba bi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Nebukadnessar teaam sɛ. “Monhwɛ! Mehunu nnipa baanan a biribiara nkyekyeree wɔn sɛ wɔnenam ogya no mu. Egya dɛreɛ no nhyee wɔn. Onipa a ɔtɔ so ɛnan no te sɛ anyame ba bi!”

Ver Capítulo Copiar




Daniel 3:25
20 Referencias Cruzadas  

Sɛ woretwa nsu a, me ne wo na ɛwɔ hɔ; na sɛ worefa nsubɔnten mu a, ɛremfa wo nkɔ. Sɛ wonam ogya mu a, ɛrenhyew wo, na ogyaframa renhyew wo.


Na ɔpetee aboa no too gya mu, nso hwee anyɛ no.


wɔbɛma awɔ so, na sɛ wɔnom awuduru biara a, ɛrenyɛ wɔn hwee; wɔde wɔn nsa begu ayarefo so ama wɔn ho ayɛ wɔn den.


Na ɛbae sɛ da bi Onyankopɔn mma no bae begyinaa AWURADE anim, na Satan nso dii wɔn mu bae.


Nebukadnesar kae sɛ: Nhyira ne Sadrak, Mesak ne Abednego Nyankopɔn a wasoma ne bɔfo, na wabeyi ne nkoa a wɔde wɔn ho too no so na wɔsakraa ɔhene asɛm na wɔde wɔn honam mae, nea ɛbɛyɛ na wɔrensom na wɔrensɔre anyame biara sɛ wɔn Nyankopɔn.


AWURADE bɔfo bɔ wɔn a wosuro no ho nsra hyia, na ogye wɔn.


Na sɛ mudi papa akyi a, hena ne nea ɔbɛhaw mo?


Na sɛ amma saa mpo a, ɔhene, hu sɛ yɛrensom w’anyame, na yɛrensɔre sika honi a wode asi hɔ no.


bere a adekyee nsoromma boom too ahurusi dwom, na Ɔsoro dɔm nyinaa bɔɔ ose no?


na wɔde tumi ayi no akyerɛ sɛ Onyankopɔn Ba, ahotew honhom fam, awufo sɔre mu; ɔne Yesu Kristo, yɛn Awurade


Na ɔbɔfo no bua see no sɛ: Honhom Kronkron no bɛba wo so, na Nea Ɔwɔ Sorosoro no ahoɔden abɛkata wo so; enti na ade kronkron a wobɛwo no, wɔbɛfrɛ no Onyankopɔn ba.


Hena na waforo akɔ soro na wasian? Hena na okura mframa ne nsam? Hena na ɔbɔ nsu boaa, ntama mu? Hena na ɔde asase ano nyinaa sisii hɔ? Sɛ wunim a, ne din de dɛn? Na ne ba din de dɛn?


Nsuro wɔn anim, na wo de, medi w’akyi, na mayi wo, AWURADE asɛm ni.


Na wɔne wo bedi ako, nanso wɔrentumi wo, efisɛ midi w’akyi, na megye wo, AWURADE asɛm ni.


Na meyi wo afi abɔnefo nsam, na magye wo afi atirimmɔdenfo nsam.


Ɛnna ɔhene Nebukadnesar ho dwiriw no, na ɔsɔree ntɛmntɛm, na ɔka kyerɛɛ n’agyinatufo no sɛ: So, ɛnyɛ mmarima baasa na yɛkyeree wɔn guu ogya no mu? Wobuaa ɔhene no sɛ: Ampa, ɔhene.


Ɛno na ɔhene bo tɔɔ ne yam kɛse, na ɔkae sɛ wonyi Daniel mfi amoa no mu. Na wɔanhu sewa biara a etii no, efisɛ ɔde ne ho too ne Nyankopɔn so.


Obeyi wo afi ahohia asia mu, na nea ɛto so ason no mu, bɔne renka wo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios