Daniel 3:2 - KYERƐW KRONKRON2 Na ɔhene Nebukadnesar somae sɛ wonkohyiahyia amantam ahene, mmakoma ne amradofo, atemmufo mpanyin, asannaafo, mmarakyerɛfo atemmufo ne nsaase no so atumfo nyinaa mmra ohoni a ɔhene Nebukadnesar de sii hɔ no dwira. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm2 Afei ɔde nkra kɔmaa ahenemma, mpanyimfo, amradofo, afotufo, sanaafo, atemmufo, asennifo ne ɔman no mu mpanyimfo se, wɔmmra ohoni a wɔreda no adi no afahyɛ ase. Ver CapítuloNew Revised Asante Twi Bible2 Na Ɔhene Nebukadnessar somaa sɛ wɔnkɔhyiahyia amantam ahemfo, mmakoma ne amradofoɔ, atemmufoɔ mpanin, nsannaafoɔ, mmaratwerɛfoɔ, atemmufoɔ ne nsase no so atumfoɔ nyinaa sɛ wɔmmra na wɔnna ohoni a Ɔhene Nebukadnessar de sii hɔ no adi. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm2 Afei, ɔtoo nkra kɔmaa ahenemma, mpanimfoɔ, amradofoɔ, afotufoɔ, nsanaafoɔ, atemmufoɔ, asɛnnifoɔ ne ɔman no mu mpanimfoɔ sɛ, wɔmmra ohoni a wɔreda no adi no ase. Ver Capítulo |