Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 3:18 - KYERƐW KRONKRON

18 Na sɛ amma saa mpo a, ɔhene, hu sɛ yɛrensom w’anyame, na yɛrensɔre sika honi a wode asi hɔ no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Na sɛ ɛba sɛ wannye yɛn mpo a, Nana nte ase sɛ, sɔre de, yɛrensɔre wʼanyame anaa sikakɔkɔɔ honi a wode asi hɔ no da biara da.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

18 Na sɛ amma saa mpo a, ɔhene, hunu sɛ yɛrensom w’anyame, na yɛrensɔre sika honi a wode asi hɔ no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Na sɛ ɛba sɛ wannye yɛn mpo a, Nana nte aseɛ sɛ, sɔre deɛ, yɛrensɔre wʼanyame anaa sikakɔkɔɔ ohoni a wode asi hɔ no da biara da.”

Ver Capítulo Copiar




Daniel 3:18
20 Referencias Cruzadas  

Na ose: Ninkunu na matwe mama AWURADE, asafo Nyankopɔn, sɛ Israelfo agyaw w’apam: W’afɔremuka no, wɔadwiridwiriw, na w’adiyifo nso, wɔde nkrante akunkum wɔn; na me nko na maka, na wɔrehwehwɛ me akum me.


Nanso megyaw Israel mu nnipa mpemnsɔn, nkotodwe a ennya nkotow Baal nyinaa ne ano a ennya mfew n’ano nyinaa.


Sɛ ɔrekum me mpo a, mehwɛ ɔno ara; m’akwan nko na mɛpere n’anim;


Abɔnefo guan bere a obi ntaa wɔn, na treneefo de, wɔyɛ nnam sɛ gyataforo.


Nebukadnesar kae sɛ: Nhyira ne Sadrak, Mesak ne Abednego Nyankopɔn a wasoma ne bɔfo, na wabeyi ne nkoa a wɔde wɔn ho too no so na wɔsakraa ɔhene asɛm na wɔde wɔn honam mae, nea ɛbɛyɛ na wɔrensom na wɔrensɔre anyame biara sɛ wɔn Nyankopɔn.


Monnan mo ho nnnkɔ abosonhuhuw no nkyɛn, na monnnyɛ ahoni a wɔagu sɛ anyame mmfa: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.


Na munnsuro wɔn a wokum ɔhonam na wontumi nkum ɔkra, na mmom munsuro nea obetumi asɛe ɔkra ne ɔhonam amanehunu kurom.


Nea ne nsa aka ne kra no, ebefi ne nsa, na nea me nti ne kra fii ne nsa no, ne nsa bɛka.


Na obua see wɔn sɛ: Edu anwummere a, moka sɛ: Wim bɛtew, efisɛ ɔsoro abere.


Na Petro ne Yohane bua see wɔn sɛ: So ɛteɛ Onyankopɔn anim sɛ yetie mo sen Nyankopɔn a, mummu ntɛn!


na ɔpawee sɛ ɔne Nyankopɔn man behu amane mmom kyɛn sɛ ɔbɛte bɔne mu dɛw nna tiaa bi.


Na sɛ ɛnyɛ mo pɛ sɛ mobɛsom AWURADE a, ɛnne ɛnnɛ mompaw nea mobɛsom no mfa: Sɛ anyame a mo agyanom somee a wɔwɔ asuogya no oo, sɛ Amorifo a mote wɔn asase so yi anyame oo, na me ne me fi de, yɛbɛsom AWURADE.


Na wɔnam oguammaa no mogya ne wɔn adanse asɛm no so adi no so nkonim, na wɔansuro sɛ wɔbewu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios