Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 3:13 - KYERƐW KRONKRON

13 Ɛnna Nebukadnesar de abufuw ne anibere kae sɛ wɔnkɔfa Sadrak, Mesak ne Abednego mmra. Ɛnna wɔde mmarima yi baa ɔhene anim.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Ɛhɔ ara, Nebukadnessar bo fuw yiye, na ɔhyɛe se, wɔmfa Sadrak, Mesak ne Abednego mmra nʼanim. Wɔde wɔn bae no,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

13 Ɛnna Nebukadnessar de abufuo ne anibereɛ kaa sɛ wɔnkɔfa Sadrak, Mesak ne Abed-Nego mmra. Na wɔde mmarima yi baa ɔhene anim.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Ɛhɔ ara, Nebukadnessar bo fuu yie, na ɔhyɛɛ sɛ, wɔmfa Sadrak, Mesak ne Abednego mmra nʼanim. Wɔde wɔn baeɛ no,

Ver Capítulo Copiar




Daniel 3:13
15 Referencias Cruzadas  

nanso Kain ne n'ayɛyɛde de, n'ani ansɔ. Na Kain bo fuwii pii, na omunae.


Ma osisi a wɔafa ne mma nhyia wo mmom, na ɛnyɛ ɔkwasea n’agyimisɛm mu.


Ɔbo yɛ duru na anwea yɛ pemee, na ogyimifo abohuru yɛ duru sen n’abien nyinaa.


Obufufafo hwanyan ntɔkwaw, na ɔbobɔnefo mmarato dɔɔso.


na apiafohene no totoo wɔn din: Ɔtoo Daniel, Beltesasar, na ɔtoo Hanania, Sadrak, na ɔtoo Misael, Mesak, na ɔtoo Asaria, Abednego.


Ɛno nti ɔhene bo fuwii, na n’ani beree kɛse, na ɔkae sɛ wɔnsɛe Babel anyansafo nyinaa.


Ɛnna abufuhyew hyɛɛ Nebukadnesar ma, na n’anim tebea sakra hyɛɛ Sadrak, Mesak ne Abednego; ɔkae sɛ wɔmma fononoo no mu nnɔ mpɛn ason nkyɛn nea ɛyɛɛ wɔn sɛ adɔ,


Na me nti wɔde mo bɛkɔ amradofo ne ahemfo anim na adi adanse akyerɛ wɔn ne amanaman.


Na mo de, monhwɛ mo ho so yiye! Na wobeyi mo ama mpanyimfo bagua, na wɔahwe mo hyia adan mu, na me nti wɔde mo begyina amradofo ne ahemfo anim na moadi adanse akyerɛ wɔn.


Na nea edi eyinom nyinaa kan ne sɛ wɔde wɔn nsa beso mo mu, na wɔataa mo, na wɔayi mo akɔ hyia adan mu ne afiase, na wɔde mo akɔ ahene ne amradofo anim me din nti,


Na wɔn de, abufuw yɛɛ wɔn ma, na wotuu adekode wɔde bɛyɛ Yesu ho agyina.


Na nna bi akyi no, Felike ne ne yere Drusila a ɔyɛ Yudani bae, na ɔsoma kɔfrɛɛ Paulo, na wotiee Kristo Yesu mu gyidi no ho asɛm.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios