Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 2:6 - KYERƐW KRONKRON

6 na sɛ mokyerɛ me ɔdae no ne n’ase a, mubenya me hɔ akyɛde ne ayɛyɛde ne nidi kɛse; enti monkyerɛ me ɔdae no ne n’ase.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Na sɛ moka me dae no, kyerɛ me ase a, mɛma mo akyɛde a ɛso bi mmaa da, na mabɔ mo aba so. Monka dae no, na monkyerɛ me ase.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Na sɛ mokyerɛ me daeɛ no ne n’ase a, mobɛnya me hɔ akyɛdeɛ, ayɛyɛdeɛ ne anidie kɛseɛ. Enti monkyerɛ me daeɛ no ne n’ase.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Na sɛ moka me daeɛ no, kyerɛ me aseɛ a, mɛma mo akyɛdeɛ a ɛso bi mmaa da, na mabɔ mo aba so. Monka daeɛ no, na monkyerɛ me aseɛ.”

Ver Capítulo Copiar




Daniel 2:6
8 Referencias Cruzadas  

Ɛnna ɔhene yɛɛ Daniel kɛse, na ɔmaa no ayɛyɛde akɛse bebree, na ɔma odii Babel asase nyinaa so tumi ne Babel anyansafo nyinaa so mpanyimfo mu titiriw.


Ɛnna Belsasar kae ma wofuraa Daniel ɔtankɔkɔɔ, na wɔde sika ntweaban guu ne kɔn mu, na wɔbɔɔ ne ho dawuru sɛ, ɔbɛyɛ nea ɔto so abiɛsa adi ahenni no mu tumi.


Ɔhene no teɛɛm dennen sɛ wɔmfa pɛadeahufo, Kaldeafo ne nyankonnekyerɛfo mmra; ɔhene no ka kyerɛɛ Babel anyansafo no sɛ: Obiara a ɔbɛkan kyerɛw yi na wakyerɛ me ase no, wobefura no ɔtankɔkɔɔ, na wɔde sika kɔkɔɔ ntweaban agu ne kɔn mu, na wayɛ nea ɔto so abiɛsa adi ahenni yi mu tumi.


na mɛhyɛ wo anuonyam pii, na biribiara a wobɛka akyerɛ me no, mɛyɛ enti bra ara, na bɛdome ɔman yi ma me.


Na Balak ka kyerɛɛ Bileam sɛ: So ɛnyɛ ɔsoma na mesomae sɛ, wommehyia wo mmra? Ɛdɛn nti na woamma? So wugye di sɛ merentumi menhyɛ wo anuonyam?


Na Moab mpanyin ne Midian mpanyin no siim kɔe, na adebisa so akatua no wɔ wɔn nsam; na wɔkɔɔ Bileam nkyɛn de Balak asɛm no kɔtoo n'anim.


Na afei guan kɔ nea wufi! Mekae sɛ anka mɛhyɛ wo anuonyam, na hwɛ, AWURADE asiw w'anuonyam ho kwan.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios