Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 2:34 - KYERƐW KRONKRON

34 Wode hwɛ ara kosii sɛ ɔbo bi a nsa biara nkura mu tew bɛbɔɔ ohoni no anan a ɛyɛ dade ne ɛfa no, na ebubuu no dukuduku;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

34 Na, Nana, worehwɛ no, ɔbo bi a nsa biara nkura mu, tew bɛhwee dade ne dɔte nansabon no so, pɛtɛw no pasaa.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

34 Wohwɛe ara kɔsii sɛ ɔboɔ bi a nsa biara nkura mu te bɛbɔɔ ohoni no nan a ɛyɛ dadeɛ ne dɔteɛ no, na ɛbubuu no muhumuhu;

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

34 Na Nana, worehwɛ no, ɔboɔ bi a nsa biara nkura mu te bɛhwee dadeɛ ne dɔteɛ nantabon no so, pɛkyɛɛ no gɔsɔɔ.

Ver Capítulo Copiar




Daniel 2:34
25 Referencias Cruzadas  

Na n’anitew nti ne nnaadaa bɛkɔ so ne nsam, na obedi ne koma mu akokurokosɛm na obefi nkurɔfo bebree mpaase asɛe wɔn, na ɔbɛsɔre ahyɛ ahene mu hene, nanso obebubu a ɛnyɛ obi nsa na ebebu no.


Na da no, mede Yerusalem mɛyɛ tɔkwaboba mama aman nyinaa; wɔn a wɔbɛma so nyinaa bepirapira, na wɔbɛboa asase so amanaman nyinaa ano ahyɛ no.


Na ɔman ne ahenni a ɛrensom wo no begu, saa aman no, ɔsɛe na wɔbɛsɛe wɔn nyinaa.


Na yenim sɛ, sɛ wonya buruw yɛn asase so ntamadan yi a, yebenya ofi a efi Nyankopɔn, ɔdan a wɔamfa nsa ansi a ɛwɔ hɔ daa ɔsoro.


Na obuaa see me sɛ: Eyi ne Awurade asɛm a ɛbaa Serubabel nkyɛn no sɛ: Ɛnyɛ wo tumi so, na ɛnyɛ w’ahoɔden so, na mmom me honhom so, asafo Awurade na ose.


na wɔde ɔsoro nyinaa ase ahemman so ahenni ne tumi ne kɛseyɛ bɛma ɔsorosoroni no akronkronfo man; n’ahenni yɛ daa ahenni, na tumi nyinaa bɛsom no atie no.


Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, mede ɔbo bi atim Sion, ɔbo a wɔasɔ no ahwɛ, twea bo a ne bo yɛ den a etim hɔ tim pa ara, nea ogye di no renguan.


Enti mo a mugye no di no, nea ɔsom bo no yɛ mo de. Na wɔn a wonnye nni no de, ɔbo a abantofo apo no na ayɛ tweaso tibo,


Na me nso mise wo sɛ: Wone Petro, na ɔbotan yi so na mede m’asafo besi, na asaman apon remmu mfa so.


Ɔbo a abantofo apa no abɛyɛ twea bo titiriw.


Eyinom ne Oguammaa no bɛko, na Oguammaa no bedi wɔn so nkonim, efisɛ ɔyɛ awuranom mu Awurade ne ahene mu Hene, ɔne wɔn a wɔka ne ho a wɔafrɛ wɔn na wɔayi wɔn na wodi no nokware no.


Na ɔbɔfo a ɔto so ason no hyɛnee ne torobɛnto no. Na ɛnne akɛse gyigyegyigyei ɔsoro sɛ: Wiase ahenni ayɛ yɛn Awurade ne Kristo no de, na obedi hene daa daa.


Na Kristo anhyɛn kronkronbea a wɔde nsa yɛe a ɛyɛ kronkronbea ankasa no ho sɛnkyerɛnne no mu, na mmom ɔhyɛn ɔsoro ankasa sɛ afei okoyi ne ho adi Onyankopɔn anim ama yɛn.


Oyi ne ɔbo a mo abantofo ammu no na abedi twea ti.


a emfi mogya anaasɛ nea ɔhonam pɛ anaa nea ɔbarima pɛ mu, na mmom efi Nyankopɔn mu na wɔwoo wɔn.


Aman, monyɛ hoo, na monnwerɛw ara, asase a ɛwɔ akyirikyiri sofo nyinaa, monyɛ aso, mummia na monnwerɛw, mummia na monnwerɛw.


n’asrɛ yɛ dade, n’anan mu bi yɛ dade, na emu bi yɛ ɛfa.


Na wo nso wobebubu wo momonotofo mu, na wo ne nkrante ano atɔfo adeda.


na osusuw apem, na ɛyɛ asu a mantumi mantwa, efisɛ nsu no mu dɔ ayɛ sɛ nsu a wɔboro, asu a wontumi ntwa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios