Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 2:23 - KYERƐW KRONKRON

23 Wo, m’agyanom Nyankopɔn, na meda wo ase miyi wo ayɛ, sɛ woama me nyansa ne tumi, na afei woayi nea yɛsrɛɛ wo akyerɛ me, sɛ woama yɛahu ɔhene asɛm no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Meda wo ase, kamfo wo mʼagyanom Nyankopɔn, efisɛ, woama me nyansa ne tumi, woaka nea yebisaa wo akyerɛ me, ada nea ɔhene bisae no adi akyerɛ yɛn.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

23 Wo, m’agyanom Nyankopɔn, na meda wo ase, meyi wo ayɛ, sɛ woama me nyansa ne tumi, na afei woayi deɛ yɛsrɛɛ woɔ akyerɛ me, sɛ woama yɛahunu ɔhene daeɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Meda wo ase, kamfo wo mʼagyanom Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, woama me nyansa ne tumi; woaka deɛ yɛbisaa wo akyerɛ me, ada deɛ ɔhene bisaeɛ no adi akyerɛ yɛn.”

Ver Capítulo Copiar




Daniel 2:23
33 Referencias Cruzadas  

Na AWURADE kae sɛ: So memfa nea merebɛyɛ yi minsie Abraham anaa?


Sɛ m'agya Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn ne Isak suro annyina m'akyi a, anka afei wugyaa me kwan nsapan. M'amane ne me nsa ano adwumayɛ na Onyankopɔn hui, na ɔkaa w'anim nnɛra anadwo.


Na afɔrebɔ bere mu no, odiyifo Elia twiw bae, na ɔkae sɛ: AWURADE, Abraham ne Isak ne Israel Nyankopɔn, nnɛ ma wonhu sɛ wo na wone Nyankopɔn Israel mu na mene w’akoa, na w’asɛm so na mayɛ ade yi nyinaa.


AWURADE yɛn Nyankopɔn nni yɛn akyi, sɛnea odii yɛn agyanom akyi no, onnnyaw yɛn, nanso ɔmmpa yɛn.


Na Dawid hyiraa AWURADE, bagua no nyinaa anim, na Dawid kae sɛ: Nhyira ne wo, AWURADE, yɛn agya Israel Nyankopɔn, fi daa kosi daa.


Na afei, yɛn Nyankopɔn, yɛn de, yɛda wo ase, na yeyi w’anuonyam din no ayɛ.


na ɔkae sɛ: AWURADE, yɛn agyanom Nyankopɔn, so ɛnyɛ wone Onyankopɔn ɔsoro, na wo ara na wudi amanaman ahenni nyinaa so, na wo nsam na tumi ne mmaninyɛ wɔ, na obi nni hɔ a obetumi agyina w’anim.


Nea ne koma pɛ na wode ama no, na nea n’ano bisae no, woankame no.


Obisaa wo hɔ nkwa, wode ama no, nna a ɛware daa daa.


AWURADE yi ne tirim asɛm kyerɛ wɔn a wosuro no, na ɔma wohu n’apam no mu.


Fa aseda bɔ Onyankopɔn afɔre, na tua w’aboade ma nea ɔwɔ ɔsorosoro no,


Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose bio sɛ: Ka kyerɛ Israel mma sɛ: AWURADE, mo agyanom Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn na wasoma me mo nkyɛn yi, eyi ne me din de kosi daa, na eyi na wɔmfa nkae me awo ntoatoaso nyinaa mu.


Onyansafo foro nnɔmmarima kurow, na osum ahoɔden a wɔde wɔn ho too so no kyene.


Ɔbarima nyansafo wɔ ahoɔden, na ɔba nimdefo ma ne tumi mu yɛ den.


Afotu ne nyansahu wɔ me, mene nhumu, mmaninyɛ wɔ me.


Nyansa hyɛ onyansafo den sen atamfo du a wɔwɔ kurow mu.


Ɛnna mise: Nyansa ye sen mmaninyɛ, nanso wobu ohiani nyansa animtiaa, na ne nsɛm no, wontie.


Nyansa ye sen akode, nanso ɔdebɔneyɛfo biako sɛe papa bebree.


Ɛda no na wobɛka sɛ: Mɛda wo ase, O AWURADE, sɛ, wo bo fuw me mpo a, w’abufuw no asan, na woakyekye me werɛ.


Frɛ me, na megye wo so, na maka wo nsɛm akɛse ne nneɛma a ahintaw a wunhui ɛ.


Na mmerantewa baanan yi, Onyankopɔn maa wɔn nhoma ne nyansa nyinaa mu nimdeɛ ne anitew, na Daniel nyaa anisoadehu ne adae nyinaa mu nhumu.


sɛ wɔnsrɛ ɔsoro Nyankopɔn hɔ mmɔborohunu, ahintasɛm no ho, na wɔansɛe Daniel ne ne mfɛfo anka Babel anyansafo a aka no ho.


Ampa ara AWURADE Nyankopɔn renyɛ biribi gye sɛ wayi n’agyina adi akyerɛ ne nkoa adiyifo no ansa.


Saa bere no ara mu Yesu kae sɛ: Agya, ɔsoro ne asase wura, miyi wo ayɛ sɛ wode nneɛma yi ahintaw anyansafo ne animdefo, na woayi akyerɛ nkokoaa.


Ɛdɔn no ara mu ne ho san no honhom mu, na ɔkae sɛ: Agya, ɔsoro ne asase Wura, miyi wo ayɛ sɛ wode nneɛma yi ahintaw anyansafo ne animdefo, na woayi akyerɛ nkokoaa. Yiw, Agya, ne saa na ɛyɛ anisɔ wɔ w’anim.


Ɛnna woyii ɔbo no. Na Yesu maa n’ani so kae sɛ: Agya, meda wo ase sɛ woatie me.


Memfrɛ mo nkoa bio, efisɛ akoa nnim nea ne wura reyɛ; na mafrɛ mo nnamfo, efisɛ nneɛma a mate m’Agya nkyɛn no nyinaa maka makyerɛ mo.


Yesu Kristo adiyi a Onyankopɔn de maa no sɛ ɔnkyerɛ ne nkoa nea etwa sɛ ɛba ntɛm, na ɔnam ne bɔfo so de bɛkyerɛɛ n’akoa Yohane


Na mpanyimfo no mu biako ka kyerɛɛ me sɛ: Nsu, hwɛ, Yuda abusuakuw mu gyata no, Dawid ntini no, adi nkonim sɛ obebue nhoma no mu na watetew ne nsɔano ason no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios