Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 2:21 - KYERƐW KRONKRON

21 ɔno na ɔsakra bere ne nna; otu ahene so, na ɔma ahene so; ɔma anyansafo nyansa, na ɔma wɔn a wonni nhumu nimdeɛ;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Ɔno na ɔsesa mmere ne nnipa nkrabea; osi ahene, na otu wɔn ade so. Ɔma anyansafo hu nyansa, na ɔma nhumu ho nimdeɛ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

21 ɔno na ɔsakyera berɛ ne nna; ɔtu ahene, na ɔsi ahene, ɔma anyansafoɔ nyansa, na ɔde nimdeɛ ma wɔn a wɔwɔ nhunumu;

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Ɔno na ɔsesa mmerɛ ne nnipa hyɛberɛ; ɔsi ahene, na ɔtu wɔn adeɛ so. Ɔma anyansafoɔ hunu nyansa, na ɔma nhunumu ho nimdeɛ.

Ver Capítulo Copiar




Daniel 2:21
40 Referencias Cruzadas  

Na asase nyinaa hwehwɛɛ Solomon anim ahu, sɛ wobetie ne nyansa a Onyankopɔn de ahyɛ ne koma mu no.


Na Israel nyinaa tee atɛn a ɔhene bui no, wosuroo ɔhene anim, efisɛ wohui sɛ Onyankopɔn nyansa wɔ no mu a ɔde bu atɛn.


Na Onyankopɔn maa Solomon nyansa ne nhumu bebree pa, ne adwene a emu trɛw sɛ mpoano nwea.


Na AWURADE mma wo nimdeɛ ne nhumu, na ɔnhyɛ wo Israel ho mmara, na hwɛ AWURADE wo Nyankopɔn mmara di so.


eyinom da n’ahenni ne ne mmaninyɛ nyinaa ne nea esii ne mmere so a ɛfa ɔno ara ne ho, Israel ho ne aman ahenni nyinaa no ho adi.


Na ɔhene no ka kyerɛɛ mpanyimfo a wonim mmara no, (efisɛ saa na ɔhene asɛm ba wɔn a wonim mmara ne asɛnni no anim,


Ɔsan ahene nkyehama, na ɔde nhama kyekyere wɔn asen;


na mede Onyankopɔn honhom mahyɛ no ma, nyansa ne nhumu ne nimdeɛ ne adwinni ahorow nyinaa mu,


Na me ara, hwɛ, mafa Ahisamak ba Oholiab a ofi Dan abusuakuw mu maka ne ho; na nnipa a wɔwɔ nyansa koma nyinaa, mede nyansa mahyɛ wɔn komam na wɔnyɛ nea mahyɛ wo yi nyinaa;


Na mmerantewa baanan yi, Onyankopɔn maa wɔn nhoma ne nyansa nyinaa mu nimdeɛ ne anitew, na Daniel nyaa anisoadehu ne adae nyinaa mu nhumu.


Persia hene Kores afe a ɛto so abiɛsa mu no, woyii asɛm bi adi kyerɛɛ Daniel a wɔtoo no din Beltesasar, na asɛm no yɛ nokware, na ɔko no so; na ɔtee asɛm no ase, na onyaa adehu no mu nhumu.


Na mfe bi akyi no, wɔbɛfofa wɔn ho ayɔnko, na anafo fam hene no babea aba atifi fam hene no nkyɛn sɛ ɔne no rebɛyɛ asomdwoe apam, nanso ɔbea no renkura ne basa ahoɔden no mu, na ɔbarima no ne ne basa nso rennyina, na wobeyi ɔbea no ne wɔn a wɔde no bae, nea ɔwoo no ne nea osoo no mu, mmere no mu no, ama.


Daniel buae sɛ: Nhyira nka Onyankopɔn din daa daa, sɛ nyansa ne tumi, ɔno na ɛwɔ no;


Wo, m’agyanom Nyankopɔn, na meda wo ase miyi wo ayɛ, sɛ woama me nyansa ne tumi, na afei woayi nea yɛsrɛɛ wo akyerɛ me, sɛ woama yɛahu ɔhene asɛm no.


Sɛ moankyerɛ me ɔdae no a, asɛm rebɛto mo, efisɛ moadwen atosɛm ne nnaadaasɛm sɛ morebɛka wɔ m’anim de akosi sɛ mɛsesa m'adwene; enti monka ɔdae no nkyerɛ me, na minhu sɛ mubetumi akyerɛ me ase.


ɔteɛɛm dennen na ɔkae sɛ: Montow dua no ntwitwa n’abaa; momporow n’ahaban mpansam n’aba; mmoa nguan mfi ase, na nnomaa mfi n’abaa so.


Awɛmfo agyina so na asɛm yi gyinae, na akronkronfo asɛm so na ade yi si, nea ɛbɛyɛ na ateasefo ahu sɛ: Nea ɔwɔ ɔsorosoro na odi nnipa ahenni so tumi, na ɔde ma obiara a ɔpɛ, na ɔde nnipa mu hobrɛasefo si so.


ɛne wo, ɔhene a woso na woyɛ den na wo kɛseyɛ dɔɔso kodu ɔsoro na wo tumidi du asase ano no.


na wɔbɛpam wo afi nnipa mu, na wo ne wuram mmoa akɔtena, na wɔama woawe wura sɛ anantwi na mmere nson atwa wo ti so, de akosi sɛ wubehu sɛ ɔsorosoroni no na odi nnipa ahenni so tumi, na ɔde ma nea ɔpɛ no.


Na ɔbɛkeka nsɛm atia nea ɔwɔ ɔsorosoro no, na ɔbɛhaw ɔsorosoroni no akronkronfo, na ɔbɛbɔ ne tirim sɛ ɔbɛdan mmere ne mmara, na wɔde wɔn bɛhyɛ ne nsa, ɛbere bi ne mmere ne bere fa.


Na me na mɛma mo ano ne nyansa a mo atamfo nyinaa rentumi ntua ano na wɔrennyina anim.


Momma nnipa nyinaa mmrɛbrɛ wɔn ho ase nhyɛ ɔman mu mpanyimfo tumi no ase. Na tumi biara nni hɔ gye nea efi Nyankopɔn; nanso tumi a ɛwowɔ hɔ no, Onyankopɔn na wahyɛ ato hɔ.


Na ne mu na efi na mowɔ Kristo Yesu mu, ɔno mu na efi, na Nyankopɔn ayɛ nyansa ne trenee ne ahotew ne ogye ama yɛn.


Akyɛde pa nyinaa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ nyinaa fi soro, efi hann agya no nkyɛn na ɛba. Ɔno na nsakrae ne adannan sunsuma nni ne mu.


Na sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ommisa Onyankopɔn a ɔma nnipa nyinaa ade kwa na ahohora nnim no, na ɔde bɛma no.


Na ɔwɔ din bi a wɔakyerɛw n’atade ne n’asen so sɛ: Ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios