Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 2:18 - KYERƐW KRONKRON

18 sɛ wɔnsrɛ ɔsoro Nyankopɔn hɔ mmɔborohunu, ahintasɛm no ho, na wɔansɛe Daniel ne ne mfɛfo anka Babel anyansafo a aka no ho.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Ɔhyɛɛ wɔn sɛ, wɔnsrɛ ɔsoro Nyankopɔn na ɔnnom wɔn nʼahummɔbɔ sɛnea wɔrenkum wɔn mfra anyansafo nkae a wɔwɔ Babilonia no mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

18 sɛ wɔnsrɛ ɔsoro Nyankopɔn hɔ mmɔborɔhunu, ahuntasɛm no ho, na wɔankum Daniel ne ne mfɛfoɔ anka Babel anyansafoɔ a aka no ho.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Ɔhyɛɛ wɔn sɛ, wɔmmisa ɔsoro Onyankopɔn sɛ, ɔnnom wɔn nʼahummɔborɔ sɛdeɛ wɔrenkum wɔn mfra anyansafoɔ nkaeɛ a wɔwɔ Babilonia no mu.

Ver Capítulo Copiar




Daniel 2:18
22 Referencias Cruzadas  

Se ebia atreneefo aduonum no so tew anum a, so anum no nti wobɛsɛe kurow no nyinaa? Na ose: Sɛ mihu aduanan anum wɔ hɔ a, merensɛe hɔ.


O, Monna ɔsoro Nyankopɔn ase, na n’adɔe wɔ hɔ daa.


na frɛ me hiada mu, na megye wo na woahyɛ me anuonyam.


Osu frɛ me, na megye no so, me ne no bɛtena ahohia mu, meyi no na mahyɛ no anuonyam.


Ebia AWURADE wo Nyankopɔn bɛte Rabsake a ne wura Asaria hene asoma no sɛ ɔmmɛsopa Onyankopɔn teasefo no nsɛm no, na nsɛm a AWURADE wo Nyankopɔn ate no nti, watwe n’aso; enti ma wo mpaebɔ so ma nkae a wɔwɔ hɔ no.


Frɛ me, na megye wo so, na maka wo nsɛm akɛse ne nneɛma a ahintaw a wunhui ɛ.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Eyi bio na Israel fi bebisa me hɔ na mɛyɛ mama wɔn, mɛma wɔadɔɔso ayɛ nnipa pii, sɛ nguankuw;


Wo, m’agyanom Nyankopɔn, na meda wo ase miyi wo ayɛ, sɛ woama me nyansa ne tumi, na afei woayi nea yɛsrɛɛ wo akyerɛ me, sɛ woama yɛahu ɔhene asɛm no.


Hwɛ, yɛn Nyankopɔn a yɛsom no no betumi ayi yɛn afi ogya a ɛrefram fononoo no mu, na obegye yɛn afi wo, ɔhene, nsam.


Na sɛ wɔkae sɛ wonnyaw dua no dunsin no, sɛ wunya hu sɛ ɔsoro na edi tumi no a, w’ahenni begyina ama wo.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Meyɛ Hebrini, na mesɔre AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn a ɔyɛɛ ɛpo ne asase kesee no.


Ɛnna mobɛsan ahu nsonoe a ɛda ɔtreneeni ne ɔbɔnefo ntam, ne nea ɔsom Onyankopɔn ne nea ɔnsom no, no ntam.


Mudwen ho dɛn? Sɛ onipa bi wɔ nguanten ɔha, na wɔn mu biako fom kwan a, ɔrennyaw aduakron akron no mmepɔw so, na ɔnkɔhwehwɛ nea wafom kwan no anaa?


Bio, nokware mise mo sɛ, mo mu baanu yɛ anokoro asase so asɛm biara a mubebisa ho a, m’agya a ɔwɔ soro bɛyɛ ama mo.


na ɔkyeree no no, ɔde no kɔtoo afiase. Na ɔde no hyɛɛ asraafo baanan a wɔwɛn bom saa ahorow anan nsa sɛ wɔnwɛn no. Na ɔpɛ sɛ Twam afahyɛ no akyi no, oyi no kɔkyerɛ ɔman no.


Nanso, anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo ne Honhom dɔ so mesrɛ mo sɛ monko me abia wɔ mpae a mobɔ Onyankopɔn ma me no mu,


Awurade nim sɛnea obeyi wɔn a wɔde fɛre som no afi sɔhwɛ mu, na wama wɔatwe wɔn a wɔnteɛ aso de wɔn asie atemmu da;


Na Dawid kae sɛ: AWURADE a oyii me gyata ne sisi nsam no, ɔno ara beyi me Filistini yi nsam. Ɛnna Saul ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Kɔ, na AWURADE bedi w’akyi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios