Daniel 12:4 - KYERƐW KRONKRON4 Na wo, Daniel, toto nsɛm no mu na sɔ nhoma no ano kodu awiei bere no; nnipa bebree bɛtweetwee mu na nimdeɛ adɔɔso. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm4 Nanso wo Daniel, bobɔw na sɔw nsɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee no ano kosi awiei bere no. Bebree bekyinkyin akɔpɛ nimdeɛ.” Ver CapítuloNew Revised Asante Twi Bible4 Na wo, Daniel, toto nsɛm no mu na sɔ nwoma no ano kɔduru awieeɛ berɛ no so; nnipa bebree bɛdwane adi akɔneaba, na nimdeɛ adɔɔso. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm4 Nanso, wo Daniel, bobɔ na sɔ nsɛm a ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ no ano, kɔsi awieeɛ ɛberɛ no. Bebree bɛkyinkyini akɔpɛ nimdeɛ.” Ver Capítulo |