Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 12:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Nhyira ne nea ɔtwɛn na okodu nna apem ahasa aduasa anum no so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Nhyira ne nea ɔtwɛn kosi nnafua apem ahaasa aduasa anum awiei no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

12 Nhyira ne deɛ ɔtwɛn na ɔkɔduru nna apem ahasa aduasa nnum no soɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Nhyira ne deɛ ɔtwɛn kɔsi nnafua apem ahasa aduasa enum awieeɛ no.

Ver Capítulo Copiar




Daniel 12:12
8 Referencias Cruzadas  

Na enti AWURADE twɛn ansa na wadom mo, na ɛno nti na ɔma ne ho so ansa na wahu mo mmɔbɔ, na atemmu Nyankopɔn ne AWURADE, nhyira ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa.


Na wuwie eyinom a, san da wo nifa so soa Yuda fi amumɔyɛ adaduanan; mede afe afe mayɛ wo da koro da koro.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛbɛkɔ akosi anadwofa ne anɔpa mpennu ahasa, ansa na wɔayɛ kronkronbea hɔ yiye.


Na sɛ wɔn tow a wɔtow wɔn kyenee no yɛ wiase mpata a, ɛdɛn na wɔn gye no bɛyɛ, ɛnyɛ nkwa a efi owu mu anaa?


Na adiwo a ɛwɔ asɔredan no ho no de, gyaw to hɔ, na nsusuw, efisɛ wɔde ama amanaman mufo, na wobetiatia kurow kronkron no so asram aduanan abien.


Na ɔbea no guan kɔɔ sare so, nea Onyankopɔn asiesie baabi ama no sɛ wɔnhwɛ no hɔ nna apem ahanu aduosia.


Na wɔmaa no ano a ɔde kaa nsɛm akɛse ne abususɛm, na wɔmaa no kwan asram aduanan abien.


Na mihuu nhengua bi, na wɔn a wɔtete so no, wɔde atemmu maa wɔn. Na mihuu wɔn a Yesu adanse ne Nyankopɔn asɛm nti wotwitwaa wɔn ti no akra ne wɔn a wɔankotow aboa no anaa ne honi na wɔannye agyirae no wɔ wɔn moma ne wɔn nsa so no. Na wonyaa nkwa bio, na wɔne Kristo dii ahene mfirihyia apem.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios