Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 12:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Na efi bere a wobeyi daa afɔre na wɔde amamfoyɛ akyide asi hɔ no yɛ nna apem ahanu aduakron.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 “Efi da a wɔbɛbra daa afɔrebɔ na wɔde akyiwade a ɔsɛe nam ne so bɛba abesi hɔ no bɛyɛ nnafua apem ahannu aduɔkron.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 Na ɛfiri berɛ a wɔbɛyi daa afɔdeɛ na wɔde akyiwadeɛ a ɛbɔ ɔman asi hɔ no yɛ nna apem ahanu aduɔkron.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 “Ɛfiri da a wɔbɛbra daa afɔrebɔ na wɔde akyiwadeɛ a ɔsɛeɛ nam ne so bɛba abɛsi hɔ no bɛyɛ nnafua apem ahanu aduɔkron.

Ver Capítulo Copiar




Daniel 12:11
14 Referencias Cruzadas  

Na eyi ne afɔre a bɔ afɔremuka no so: nguanten mma abien a wɔadi afe afe na fa bɔ so afɔre da biara da.


Na wuwie eyinom a, san da wo nifa so soa Yuda fi amumɔyɛ adaduanan; mede afe afe mayɛ wo da koro da koro.


Sɔ wo nkoa hwɛ dadu ɛ, na wɔmma yɛn afumduan nni ne nsu nnom,


Na ɔde dɔm besisi hɔ, na wɔahura kronkronbea ne aban no ho, na wɔayi daa afɔre no, na wɔde amamfoyɛ akyide no asi hɔ.


Na ɔbɛkeka nsɛm atia nea ɔwɔ ɔsorosoro no, na ɔbɛhaw ɔsorosoroni no akronkronfo, na ɔbɛbɔ ne tirim sɛ ɔbɛdan mmere ne mmara, na wɔde wɔn bɛhyɛ ne nsa, ɛbere bi ne mmere ne bere fa.


Na anadwofa ne anɔpa adehu a wɔkae no yɛ nokware; enti sɔ anisoadehu no ano, na ɛfa nna bebree ho.


Na ɔne bebree bɛyɛ apam a emu yɛ den dapɛn biako; na dapɛn no fa mu, ɔbɛma afɔrebɔ ne ayɛyɛdema agyae, na amamfoyɛ akyide no atifi na ɔsɛefo bɛba, na ɛbɛkɔ so akosi sɛ ɔsɛe pasaa a wɔahyɛ no pintinn behwie agu amamfoyɛfo no so.


Na Israel mma bɛtena hɔ nna pii a wonni hene na wonni bapɔmma, na wonni afɔre na wonni ɔbosom dum, na wonni asɔfotade ne abusua ahoni.


Enti sɛ muhu akyide a ɛbɔ ɔman a odiyifo Daniel kae no, sɛ egyina kronkronbea hɔ a, (nea ɔrekenkan no, ma ɔnte ase!)


Na sɛ muhu akyiwade a ɛbɔ ɔman no sɛ egyina nea ɛnsɛ no a, (ma nea ɔkenkan no nte ase!) Ɛno na wɔn a wɔwɔ Yudea nguan nkɔ mmepɔw so;


Na adiwo a ɛwɔ asɔredan no ho no de, gyaw to hɔ, na nsusuw, efisɛ wɔde ama amanaman mufo, na wobetiatia kurow kronkron no so asram aduanan abien.


Na ɔbea no guan kɔɔ sare so, nea Onyankopɔn asiesie baabi ama no sɛ wɔnhwɛ no hɔ nna apem ahanu aduosia.


Na wɔmaa no ano a ɔde kaa nsɛm akɛse ne abususɛm, na wɔmaa no kwan asram aduanan abien.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios