Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 12:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Wɔbɛpɔw nnipa bebree ho ahoa wɔn ho atew wɔn ho, na abɔnefo bedi nsɛmmɔne, na abɔnefo nyinaa renhu ase, na mmadwemma na ebehu ase.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Wɔbɛhohoro bebree ho a fi ne nkekae biara renka wɔn ho, nanso atirimɔdenfo bɛkɔ so ayɛ atirimɔden; wɔn mu biara rente ase, nanso anyansafo de wɔbɛte ase.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Wɔbɛte nnipa bebree ho ahoa wɔn ho ama wɔapɔ, na abɔnefoɔ bɛkɔ so ara adi asɛmmɔne, na abɔnefoɔ nyinaa rente aseɛ, na mmadwemma na ɛbɛte aseɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Wɔbɛhohoro bebree ho a efi ne nkekaeɛ biara nni wɔn ho, nanso atirimuɔdenfoɔ bɛkɔ so ayɛ atirimuɔden; wɔn mu biara rente aseɛ, nanso anyansafoɔ deɛ, wɔbɛte aseɛ.

Ver Capítulo Copiar




Daniel 12:10
37 Referencias Cruzadas  

Obiara a ɔyɛ onyansafo no, ma ommu eyinom, na ma wonnya AWURADE adɔe mu ahuye.


Fa adwerɛ yi me ho bɔne, na me ho afi, guare me, na mayɛ fitaa asen nsukyerɛma.


Na onyansafo ntie, na n’adenim nnɔɔso, na onimdefo mfa nnya atɛmpa:


Mommra mma yensusuw ho ɛ, AWURADE na ose; sɛ mo bɔne te sɛ koogyan a, ɛbɛhoa ayɛ sɛ nwera, sɛ ɛbere kɔɔ sɛ mogya a, ɛbɛyɛ fitaa sɛ akado.


Na mede nsu kurunnyen mɛpete mo so na mo ho atew. Mo ho fi nyinaa ne mo abosonhuhuw nyinaa mu na mɛtew mo ho afi,


Ɛho dontori ne atɛkyɛ de, wɔrensa, wɔde bɛma ayɛ nkyene.


Na ɔman no mu wɔn a wonim de no bɛma nnipa bebree anya nhumu, nanso wɔbɛtotɔ nkrante ano ne ogyaframa mu, nnommumfa ne afow mu, nna bi.


Na mmadwemma no binom bɛtotɔ na wɔde ayi wɔn mu fi de atew wɔn ho ahoa wɔn ho fitaa akosi awiei bere no, efisɛ ɛbere a wɔahyɛ no bɛba ara.


Na mmadwemma no bɛhyerɛn sɛ wim hyerɛn, na wɔn a wɔdan nnipa bebree kɔɔ trenee mu no bɛyɛ sɛ nsoromma daa daapem.


Hena ne onyansafo a obehu eyinom mu, nhumufo a obehu ɛno? Na AWURADE akwan yɛ tee, na atreneefo bɛnantew so, na mmaratofo de, wɔbɛhwehwe so ase.


Na mede nkyɛmu a ɛto so abiɛsa no mɛfa ogya mu, na manan wɔn sɛ wɔnan dwetɛ, na mayiyi wɔn mu sɛ woyiyi sika mu. Wɔbɛbɔ me din, na me nso mebua wɔn; mɛka sɛ: Me man ne wɔn! Na wɔn nso aka sɛ: Awurade me Nyankopɔn!


na ɔbɛtena ase anan dwetɛ ayiyi mu, na obeyiyi Lewi mma mu, na wapaw wɔn mu sɛ sika ne dwetɛ, na wɔanya wɔn a wɔde ayɛyɛde a ɛho tew abrɛ Awurade.


Na osee wɔn sɛ: Mo de, wɔde ama mo sɛ munhu Onyankopɔn ahenni ho ahintasɛm no; na wɔn a wɔwɔ akyiri no de, wɔkyerɛ wɔn ne nyinaa mmebu mu;


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: O adwenharefo a moyɛ nyaa mo komam sɛ mubegye nea adiyifo no aka nyinaa adi!


Ɛnna Pilato see no sɛ: Na woyɛ ɔhene nen? Yesu buae sɛ: Wo na woreka sɛ meyɛ ɔhene. Me de, eyi nti na wɔwoo me, na mebaa wiase, sɛ merebedi nokware no ho adanse; obiara a ofi nokware no mu no tie me nne.


Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ n’apɛde a, obehu sɛ kyerɛ no fi Nyankopɔn anaasɛ efi m’ankasa me tirim na meka.


Nea ofi Nyankopɔn mu no tie Nyankopɔn asɛm; nea enti muntie wɔn ne sɛ, mumfi Nyankopɔn mu.


Saa na anka mo mu bi te ara nen; na afei wɔaguare mo, na wɔatew mo ho, na wɔabu mo bem Awurade Yesu Kristo din ne yɛn Nyankopɔn honhom mu.


Afei sɛ yɛwɔ saa bɔhyɛ yi nti, adɔfo, momma yɛnhohoro yɛn ho mfi ɔhonam ne honhom mu fi nyinaa ho, na yɛawie yɛn ahotew Onyankopɔn suro mu.


Ɔno na ɔde ne ho mae maa yɛn, na wagye yɛn afi mmarato nyinaa mu, na wadwira ɔman bi ho ayɛ n’ankasa de a wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden.


Na wɔn de, wɔtwee yɛn aso nna kakraa bi sɛnea eye wɔ wɔn ani so nko, na ɔno de, yɛn yiye nti na ɔtwe yɛn aso, na yɛanya n’ahotew no bi.


Montew mo kra ho, nokware tie mu, nkɔ onuadɔ a nkontompo nni mu mu, na mumfi koma mu nnodɔ mo ho mo ho dennen.


na wɔahu mo gyidi tɔtorɔtɔɔ sɛ ne bo yɛ den pii sen sika a wɔsɔ hwɛ ogya mu, nanso ɛsɛe ama ayeyi ne nidi ne anuonyam, Yesu Kristo ahoyi mu.


Na yenim sɛ Onyankopɔn Ba no aba na wabɛma yɛn ntease a yɛde hu ɔnokwafo no. Na yɛwɔ ɔnokwafo no mu, ne ba Yesu Kristo no mu. Oyi ne nokware Nyankopɔn ne daa nkwa no.


na wɔn yaw ne wɔn akisikuru nti wɔkaa ɔsoro Nyankopɔn ho abususɛm, na wɔannu wɔn ho wɔn nnwuma mu.


Na ɛdɔm a wɔwɔ ɔsoro no tete apɔnkɔ fitafitaa so di n’akyi hyehyɛ nwera pa fitaa a ɛho tew.


Na wɔde nwera pa a ɛhoa fitaa a ɛho tew maa no sɛ omfura. Na nwera pa no ne ahotefo trenee.


Nea ɔnteɛ no nnteɛ ara, na nea ɔyɛ fi no nyɛ fi ara. Na nea ɔteɛ no nteɛ ara, na nea ɔyɛ kronkron no nyɛ kronkron ara.


Mitu wo fo sɛ, tɔ me nkyɛn sika a wɔbere ho ogya mu, na woanya ade, ne atade fitaa na woahyɛ, na w’adagyaw ahohora anna adi, ne aniduru a wode bɛsra w’aniwa, na woahu ade.


Sɛnea tete bɛ no ka no: Abɔnefo so na bɔne fi; na me nsa de, ɛrenka wo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios