Daniel 11:7 - KYERƐW KRONKRON7 Na ɔbea no ntini mu baa bi a ɛfefɛwee bi bɛsɔre asi n’ananmu, na ɔde dɔm bɛba, na wabɛhyɛn atifi fam hene no abankɛse mu, na ɔne wɔn adi na wadi wɔn so. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm7 “Obi a ofi anafo fam babea abusua mu bɛsɔre asi nʼanan mu. Na ɔde dɔm bɛba abɛhyɛn ɔhene a ɔwɔ atifi fam aban no mu na ɔne wɔn ako na wadi wɔn so nkonim. Ver CapítuloNew Revised Asante Twi Bible7 Na ɔbaa no nhini mu duban bi a ɛfefɛeɛ bɛsɔre asi n’ananmu, na ɔde dɔm bɛba, na wabɛhyɛne atifi fam hene no abankɛseɛ mu, na ɔne wɔn ako na wadi wɔn so. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm7 “Obi a ɔfiri anafoɔ fam babaa abusua mu bɛsɔre asi nʼanan mu. Na ɔde dom bɛba abɛhyɛne ɔhene a ɔwɔ atifi fam aban no mu na ɔne wɔn ako na wadi wɔn so nkonim. Ver Capítulo |
Na mfe bi akyi no, wɔbɛfofa wɔn ho ayɔnko, na anafo fam hene no babea aba atifi fam hene no nkyɛn sɛ ɔne no rebɛyɛ asomdwoe apam, nanso ɔbea no renkura ne basa ahoɔden no mu, na ɔbarima no ne ne basa nso rennyina, na wobeyi ɔbea no ne wɔn a wɔde no bae, nea ɔwoo no ne nea osoo no mu, mmere no mu no, ama.