Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 11:41 - KYERƐW KRONKRON

41 Na ɔbɛba asase fɛfɛ no so, na nnipa bebree bɛtotɔ; na eyinom befi ne nsam afi: Edom ne Moab ne Amonfo mu fa kɛse.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

41 Ɔbɛtow ahyɛ Asase Fɛfɛ no so. Aman bebree bɛtotɔ ase, nanso wobegye Edom, Moab ne Amon mu fa kɛse afi ne nsam.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

41 Na ɔbɛba asase fɛfɛ no so, na nnipa bebree bɛtotɔ; na yeinom bɛfiri ne nsam afi: Edom ne Moab ne Amonfoɔ mu fa titire.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

41 Ɔbɛto ahyɛ Asase Fɛɛfɛ no so. Aman bebree bɛhwehwe ase, nanso wɔbɛgye Edom, Moab ne Amon mu fa kɛseɛ afiri ne nsa mu.

Ver Capítulo Copiar




Daniel 11:41
9 Referencias Cruzadas  

Nso mede Moab nnommum mɛsan aba, nna a edi akyiri no mu, AWURADE asɛm ni. Nea Moab atemmu no aso ne ha.


Na ɛno akyi no, mede Amonfo nnommum mɛsan maba bio, AWURADE asɛm ni.


Na obesi n’ahemfi ntamadan ɛpo ne bepɔw fɛfɛ kronkron no ntam, nanso n’awiei bɛba a obi nni hɔ a obedi aboa no.


Na nea ɔba no so no bɛyɛ sɛnea ɔpɛ, na obi nni hɔ a obegyina n’anim; na obegyina asase fɛfɛ no so, na ɔde ne nsa asɛe no.


Na abɛn ketewa biako fi emu biako mu bae, na ɛyɛɛ kɛse boroo so kyerɛɛ nifa fam ne apuei ne asase fɛfɛ no;


Misraimfo, Yudafo, Edomfo, Amonfo, Moabfo, ne wɔn a wɔtete anwea pradada so na wɔatwitwa wɔn nwi de di awufo ni no nyinaa; efisɛ amanaman nyinaa yɛ momonotofo, na Israel fi nyinaa yɛ komam momonotofo.


Na ɔbɛteɛ ne nsa nsaase no so na Misraim asase remfi mu mfi,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios