Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 11:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na ogyina a, n’ahenni bɛbɔ, na wɔakyɛ mu akɔ ɔsoro mframa anan no mu, nanso wɔremfa mma n’asefo, na ɛrenyɛ sɛ ne tumi a ɔde dii hene no; na wobetutu n’ahenni no de ama afoforo, na ɛnyɛ eyinom.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Ne ba no akyi, wɔbɛkyekyɛ nʼaheman no mu anan. Ɛrenkɔ nʼasefo nkyɛn, na ɔrennya tumi a na ɔwɔ no, efisɛ wobetutu nʼaheman no ase de ama afoforo.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Na ɔgyina a, n’ahennie bɛbɔ, na wɔakyɛ mu akɔ ɔsoro mframa nnan no mu; nanso wɔremfa mma n’asefoɔ, na ɛrenyɛ sɛ ne tumi a ɔde dii hene no; na wɔbɛtutu n’ahennie de ama afoforɔ na ɛnyɛ yeinom.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ne ba no akyi, wɔbɛkyekyɛ nʼaheman no mu ɛnan. Ɛrenkɔ nʼasefoɔ nkyɛn, na ɔrennya tumi a na ɔwɔ no, ɛfiri sɛ, wɔbɛtutu nʼaheman no ase de ama afoforɔ.

Ver Capítulo Copiar




Daniel 11:4
24 Referencias Cruzadas  

Ampa ara, onipa nam sɛ sunsuma kwa. Ampa ara, wɔhaw wɔn ho ohuruhuro ho; wɔhyɛ da so, na wonnim nea ɔbɛboa ano.


Obiako wɔ hɔ na obi nka ne ho, nso onni ba anaa onua, nanso ne brɛ nyinaa nni awiei, ahonya nso mmee n’aniwa. Na hena po na merebrɛ na merekame me kra nnepa mama no? Eyi nso, ahuhude ne ɔhaw bɔne ne no.


Na matu wɔn no, akyi no, mɛsan mahu wɔn mmɔbɔ, na mede wɔn nyinaa masan maba wɔn agyapade mu ne wɔn asase so mmiako mmiako.


Na sɛ wɔantie a, ɛnne metutu saa ɔman no magu, na metutu na maseɛ wɔn, AWURADE asɛm ni.


Mpofirim na mekasa ɔman anaa ahenni bi ho, sɛ metu na madwerɛw na masɛe no.


na afunu ne nso bon no nyinaa ne nsaasewa nyinaa a ekodu asu Kidron ho kosi apɔnkɔ ponkɛse twea so, apuei no, bɛyɛ kronkron ama AWURADE. Wɔrentutu na wɔrennwiriw da biara da bio.


Ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, nea misii no, meredwiriw, na nea miduae no, meretutu, na eyi bɛba asase no nyinaa so.


na mede mframa anan mefi ɔsoro afanan maba Elam so, na mabɔ wɔn mapete mframa yi nyinaa mu, na ɔman bi nni hɔ a Elam mpanyimfo remma hɔ;


Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hyɛ nkɔm kyerɛ honhom no, hyɛ nkɔm, onipa ba, na ka kyerɛ honhom no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Honhom, fi mframa anan no so bra, na bɛhome gu nnipa a wɔakunkum wɔn yi so, na wonnya nkwa.


Daniel fii ase sɛ: Mihuu m’ani so ade anadwo, na hwɛ, ɔsoro mframa anan tu bɔe ɛpo kɛse no so.


Eyi akyi mede hwɛ ara, na aboa foforo a ɔte sɛ ɔsebɔ, na ɔwɔ anomaa ntaban anan, na aboa no wɔ ti anan, na wɔmaa no tumi.


Merehwɛ mmɛn no no, hwɛ, abɛn ketewa foforo bi puei ɛnonom ntam, na kan mmɛn no mu abiɛsa ase tutui ɛno anim, na hwɛ, aniwa a ɛte sɛ onipa aniwa wɔ abɛn no ho ne ano a ɛkeka nsɛnkɛse.


na nea ebui a anan fifii sii ananmu no, ahenni anan bɛsɔre ɔman no mu, nso ennu kan de no ahoɔden.


Na ɔpapo no yɛɛ kɛse kokuroo, na ɔyɛɛ den no, abɛn kɛse no bui, na mmɛn anan a wohwɛ a, ɛsosoe fifii ananmu kyerɛkyerɛɛ ɔsoro mframa anan.


Huu, huu! Munguan mfi atifi fam asase so, Awurade asɛm ni, na matrɛw mo mu sɛ ɔsoro mframa anan no, Awurade asɛm ni.


Na ɔbɔfo no bua see me sɛ: Eyinom ne ɔsoro mframa anan a efi adi fi nea wɔde wɔn ho gyinagyinaa asase nyinaa wura anim hɔ ba no.


Na ohuu wɔn adwene no, osee wɔn sɛ: Ahenni biara a ɛne ne ho di mpaapaemu no dan amamfo; na kurow anaa ofi biara a ɛne ne ho di mpaapaemu no rennyina.


Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔkwasea, anadwo yi wobegye wo kra afi wo nsam; na nneɛma a woasiesie no bɛyɛ hena dea?


Eyi akyi no mihuu abɔfo baanan a wogyinagyina asase afanan no ano kurakura asase mframa anan no mu, na mframa ammɔ amfa asase anaa ɛpo anaa dua biara so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios