Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 11:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Na anafo fam hene no ani bɛbre, na obefi aba ne ɔno atifi fam hene no abɛko; na ɔde asafo yuu kɛse begyina hɔ, na wɔde asafo yuu no ahyɛ ne nsa;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 “Afei ɔhene a ɔwɔ anafo fam no de abufuw kɛse bɛsɔre na wako atia ɔhene a ɔwɔ atifi fam a ɔno nso wɔ asraafo dɔm kɛse, na obedi wɔn so nkonim.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 Na anafoɔ fam hene no ani bɛbere, na ɔbɛfiri aba ne ɔno atifi fam hene no abɛko. Na atifi fam hene de asafo yuu kɛseɛ bɛgyina hɔ, nanso wɔbɛdi nkoguo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 “Afei, ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam no de abufuo kɛseɛ bɛsɔre na wako atia ɔhene a ɔwɔ atifi fam a ɔno nso wɔ akodɔm kɛseɛ, na ɔbɛdi wɔn so nkonim.

Ver Capítulo Copiar




Daniel 11:11
13 Referencias Cruzadas  

Na hwɛ, odiyifo bi twiw bɛn Israel hene Ahab sɛ: Sɛ AWURADE se ni: So woahu asafokuw kɛse yi nyinaa? Hwɛ, mede wɔn merehyɛ wo nsa nnɛ, na woahu sɛ mene AWURADE.


Na Onyankopɔn nipa no twiw bae bɛka kyerɛɛ Israel hene sɛ: Sɛnea AWURADE se ni: Esiane sɛ Siriafo aka sɛ: Mmepɔw nyame ne AWURADE, na ɔnyɛ abon mu nyame nti, mede asafokuw kɛse yi nyinaa mɛhyɛ wo nsa, na moahu sɛ mene AWURADE.


Na nnipa abufuhyew dan wo ayeyi, wode abufuhyew a ɛboro so no bɔ wo ho so.


Na afei mede nsaase yi nyinaa mahyɛ m’akoa Nebukadnesar, Babel hene no, nsa, na mede wuram mmoa po mama no sɛ wɔnsom no.


na asafo yuu no bɛsɔre, na ne koma ama ne ho so, na ɔbɛka mpem du du agu fam, nanso ɔrenni nim.


Na awiei bere no mu na anafo fam hene no ne no besi anim, na atifi fam hene no de nteaseɛnam ne apɔnkɔfo ne ahyɛn bebree betu aba no so sɛ ahum na waba nsaase no so abɛsen sɛ nsu a ayiri.


Nanso nsɛm a ɔbɛte afi apuei ne atifi fam beyi no hu, na ɔde anibere kɛse befi akɔ sɛ ɔkɔsɛe na wadwerɛw nnipa bebree.


Na anafo fam hene no bɛyɛ den, nanso ne mmapɔmma mu biako bɛyɛ den akyɛn no, na wanya tumi; na ne tumi bɛyɛ tumi kɛse.


na baabiara a nnipa mma, wuram mmoa ne wim nnomaa te no, ɔde wɔn ahyɛ wo nsa, na ɔde wo adi wɔn nyinaa so: Wone sika tiri no.


Na mihuu no sɛ oduu odwennini no nkyɛn no, n’ani beree no so, na osii odwennini no bubuu ne mmɛn abien no, na ahoɔden bi nni odwennini no mu sɛ obegyina n’anim, na ɔtow no kyenee fam, na otiatiaa no so, na obi nni hɔ a obeyi odwennini no afi ne nsam.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios