Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 10:3 - KYERƐW KRONKRON

3 manni aduan a ɛyɛ dɛ, na nam ne nsa anka m’ano, nanso mansra koraa kosii sɛ adapɛn abiɛsa no wiee odu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Manni aduan pa biara. Nam anaa nsa biara anka mʼano, na mamfa sradehuam ansra kosii nnaawɔtwe abiɛsa no awiei.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 manni aduane a ɛyɛ dɛ, na nam ne nsa anka m’ano, nso mansra koraa kɔsii sɛ nnawɔtwe mmiɛnsa no wiee duro.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Manni aduane pa biara. Ɛnam anaa nsã biara anka mʼano, na mamfa sradehwam ansra kɔsii nnawɔtwe mmiɛnsa no awieeɛ.

Ver Capítulo Copiar




Daniel 10:3
11 Referencias Cruzadas  

Na Saul ba Mefiboset san ba behyiaa ɔhene; na onsiesie ne nan ase ɛ, na onsiesiee ne bogyesɛ ɛ, na ne ntade nso ɔnhoroe ɛ, fi da a ɔhene kɔe no besii da a ɔbae asomdwoe mu no.


Na ne nkwa ma aduan fono no, na ne kra po akɔnnɔduan.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsuro, Daniel, na efi da a wode wo koma too so sɛ wobɛte ase na wobɛbrɛ wo ho ase wo Nyankopɔn anim no, wɔate wo nsɛm, na me nso, wo nsɛm nti na mebae.


Na ɔbɛfa wɔn anyame nso ne wɔn gu ahoni ne wɔn dwetɛ ne sika nnwinne afɛfɛ nnommum akɔ Misraim; na mfe bi ɔbɛtwe ne ho afi atifi fam hene no ho.


Ɛnna ɔhene kɔɔ n’aban mu, na odii abuada anadwo no, nso wamma wɔamfa ne mpenafo no mu bi ammrɛ no, na n’ani saree dwe.


Enti sɛ mutiatia ɔbrɛfo so na mugye ne hɔ awi pae nti, mode abo a wɔatwa atoto aban, nanso morentena mu, moatɛw bobe nturo a ɛyɛ fɛ, nanso morennom mu nsa.


Momfow dwetɛ, momfow sika kɔkɔɔ! Na ahonyade no nni awiei, nnwinne afɛfɛ ahorow nyinaa dodow yɛ duru.


Na wo de, woredi abuada a, sra wo tirim, na hohoro w’anim,


Woamfa ngo ansra me tirim, na ɔbea yi de, ɔde ngo huamhuam asra me nan ho.


na mmom mehyɛ me nipadua yaw, na midi no nya, na mereka asɛm makyerɛ ebinom yi, m’ankasa wayi me tokyene.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios