Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 10:13 - KYERƐW KRONKRON

13 Na Persia ahemman bapɔmma siankaa me adaduonu da biako, na hwɛ, mmapɔmma atitiriw no mu biako, Mikael, bae bɛboaa me, na metenaa hɔ Persia ahene no nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Nanso ɔhene babarima a ofi Persia ahenni mu siw me kwan nnafua aduonu baako. Afei, Mikael a ɔyɛ ahenemma atitiriw no mu baako bɛboaa me, efisɛ na wɔde me asie wɔ Persia hene nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

13 Na Persia ahemman bapɔmma siankaa me nnawɔtwe mmiɛnsa, na hwɛ, Mikael a ɔyɛ abɔfoɔ atitire no mu baako, ba bɛboaa me, na metenaa hɔ wɔ Persia ahemfo no nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Nanso, ɔhene babarima a ɔfiri Persia ahennie mu sii me ɛkwan nnafua aduonu baako. Afei, Mikael a ɔyɛ ahenemma atitire no mu baako bɛboaa me, ɛfiri sɛ na wɔde me asie wɔ Persia ɔhene nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar




Daniel 10:13
11 Referencias Cruzadas  

Saa bere no wogyaee Onyankopɔn fi a ɛwɔ Yerusalem no ho adwuma no, na wɔantoa so bio kosii Persia hene Dario ahenni afe a ɛto so abien so.


Ɛbere no mu na Mikael, ɔbapɔmma kɛse a ogyina hɔ ma wo man mma no bɛsɔre agyina; na ɛbɛyɛ ahohia bere a efii sɛ ɔman bae no besi bere no so, ebi ɛmmae da, na ɛbere no mu na wobegye wo manfo afi mu, obiara a wobehu sɛ wɔakyerɛw ne din nhoma no mu no.


efisɛ ɛnyɛ yɛne mogya ne honam na anya, na mmom yɛne mpanyinni ne tumidi ne wiase yi sum mu atumfo ne ahonhommɔne a ɛwɔ ɔsoro hɔnom no.


na moayɛ ma wɔ no mu: Ɔno na ɔyɛ mpanyinni ne tumidi nyinaa ti,


Enti anka yɛpɛe sɛ yɛba mo nkyɛn, me Paulo titiriw prɛko ne mprenu so, nanso Satan siw yɛn kwan.


Ɔno na ɔkɔɔ ɔsoro no, ɔte Onyankopɔn nifa, na abɔfo ne wɔn a wɔwɔ ahoɔden ne tumi mu no abrɛ wɔn ho ase ama no.


Nanso Ɔbɔfo panyin Mikael ne ɔbonsam redi apereapere kasakasae Mose amu ho no, wansi ne bo sɛ ɔbɛka asɛmmɔne abu no atɛn, na mmom ɔkae sɛ: Awurade nka w’anim!


Na ɔko baa ɔsoro. Mikael ne n’abɔfo tuu ɔtweaseɛ no so sa ne no koe. Na ɔtweaseɛ no ne n’abɔfo koe.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios