Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 1:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na AWURADE de Yuda hene Yehoiakim ne Onyankopɔn fi nneɛma no bi hyɛɛ ne nsa, na ɔsoa de kɔɔ Sinar asase so de kɔɔ nyame fi, na ɔde nnwinne no kɔɔ ne nyame adekoradan mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Awurade maa no dii Yudahene Yehoiakim so nkonim. Bere a Nebukadnessar resan akɔ Babilonia no, ɔtasee akronkronne bi fii Onyankopɔn asɔredan mu, de kɔɔ nʼabosonnan mu koguu adekorabea hɔ wɔ Babilonia asase so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Na AWURADE de Yudahene Yehoiakim ne Nyankopɔn fie nnoɔma no bi hyɛɛ ne nsa, na ɔsoa de kɔɔ n’anyame fie wɔ Sinar asase so; na ɔde nnwinneɛ no kɔɔ ne nyame adekoradan mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Awurade maa no dii Yudahene Yehoiakim so nkonim. Ɛberɛ a Nebukadnessar resane akɔ Babilonia no, ɔtasee akronkronneɛ bi firii Onyankopɔn asɔredan mu, de kɔɔ nʼabosomdan mu kɔguu adekorabea hɔ wɔ Babilonia asase so.

Ver Capítulo Copiar




Daniel 1:2
30 Referencias Cruzadas  

Na n'ahenni mfiase ne Babel, Erek, Akad ne Kalne a ɛwɔ Sinear asase so.


Na ɛbae sɛ wotuu kwan faa apuei no, wohuu asasetaw bi wɔ Sinear asase so, na wɔtenaa hɔ.


Yehoiakim bere so na Babel hene Nebukadnesar tu bae, na Yehoiakim yɛɛ n’akoa mfe abiɛsa; na ɔdan tew Nebukadnesar so atua.


Yehoiakim dii mfe aduonu anum na obedii hene, na odii hene mfe dubiako Yerusalem. Na ɔyɛɛ AWURADE ne Nyankopɔn ani so bɔne.


Na AWURADE fi nneɛma no bi nso Nebukadnesar de kɔɔ Babel kosiee n’ahemfi wɔ Babel.


Na ɔhene Kores yii AWURADE fi nneɛma a Nebukadnesar kɔfa fii Yerusalem de ba besiee ne nyame fi no,


Na da no, Awurade bɛteɛ ne nsa ne mprenu so de agye ne man nkae a wɔaka afi Asaria ne Misraim ne Patros ne Etiopia ne Elam ne Sinear ne Hamat ne po mu nsupɔw mu.


Hena na ɔde Yakob maa ɔfom, na ɔde Israel maa afowfo? So ɛnyɛ AWURADE a yɛayɛ no bɔne, na wɔampɛ sɛ wɔnantew n’akwan mu, na wɔantie ne mmara no?


Asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn Yuda man nyinaa ho, Yuda hene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛto so anan a ɛne Babel hene Nebukadnesar afe a edi kan no mu


Na asɔfo no ne ɔman yi nyinaa, meka mekyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Munntie adiyifo a wɔhyɛ mo nkɔm sɛ: Hwɛ, ɛrenkyɛ koraa na wɔde AWURADE fi nneɛma no bɛsan afi Babel aba, no nsɛm, na nkɔntoro na wɔhyɛ mo.


ɛha mfirihyia abien pɛ, mede AWURADE fi nneɛma a Babel hene Nebukadnesar bɛfa fii ha yi de kɔɔ Babel no nyinaa mɛsan aba ha yi.


Na Babel hene Nebukadnesar tu baa asase yi so no, yɛkae sɛ: Mommra mma yɛnkɔ Yerusalem mfi Kaldeafo dɔm ne Siriafo dɔm no anim; na yɛbɛtenaa Yerusalem.


Monka amanaman mu, momma wɔnte na munsi frankaa, momma wɔnte, na munnsiw so, monka sɛ: Wɔafa Babel, wɔakum Bel aniwu, wɔayɛ Merodak pasaa, wɔakum n’ahoni aniwu, wɔayɛ n’abosom pasaa.


Na mɛba mabɛtwe Bel aso, Babel hɔ, na mayi nea wamene no afi n’anom, na amanaman rensen nkɔ ne nkyɛn bio; Babel afasu nso ahwe ase.


Ɛnna wɔde Daniel baa ɔhene anim. Ɔhene ka kyerɛɛ Daniel sɛ: Wone Daniel a wufi Yuda atukɔfo a m’agya ɔhene de wɔn fii Yuda bae no mu no?


Ao, ɔhene, ɔsorosoro Nyankopɔn de ahenni ne kɛseyɛ ne nidi ne anuonyam maa w’agya Nebukadnesar,


Saa nti ɔbɔ n’asawu no afɔre na ɔhyew aduhuam ma ne kyerɛnkyɛ no, efisɛ ɛno na ɛma ne kyɛfa dɔ srade, na n’aduan dɔɔso.


Na obuaa me sɛ: Wɔde rekɔ akosi dan ama no Sinear asase so, na wɔasiesie, na wɔde no atena ne tenabea.


Sɛ ɛnyɛ wɔn botan na watɔn wɔn na AWURADE ayi wɔn ama a, anka ɛbɛyɛ dɛn na obiakofo bɛtaa apem, na baanu ama ɔpedu aguan?


Na AWURADE bo fuw Israel, na ɔde wɔn hyɛɛ afowfo nsa na wɔfow wɔn, na ɔtɔn wɔn hyɛɛ wɔn atamfo a wɔatwa wɔn ho ahyia no nsa, na wɔantumi annyina wɔn atamfo anim bio.


Ɛnna AWURADE abufuw dɛw hyɛɛ Israel, na ɔtɔn wɔn hyɛɛ Mesopotamia hene Kusan-risataim nsa, na Israelfo som Kusan-risataim mfirihyia awotwe.


Na AWURADE tɔn wɔn hyɛɛ Kanaan hene Yabin a odi hene wɔ Hasor no nsa; na ne safohempanyin ne Sisera; na ɔte Haroset-hagoyim.


Na Filistifo no de Onyankopɔn adaka no kɔɔ Dagon fi, na wɔde kosii Dagon nkyɛn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios