Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 1:19 - KYERƐW KRONKRON

19 Na ɔhene ne wɔn kasae, na wɔanhu wɔn nyinaa mu nea ɔte sɛ Daniel, Hanania, Misael ne Asaria; na wobegyinaa ɔhene anim.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Ɔhene no ne wɔn nyinaa kasae, na wɔn mu biara ansɔ nʼani gye sɛ, Daniel, Hanania, Misael ne Asaria. Enti wɔde wɔn kaa ɔhene no piamfo no ho.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

19 Na ɔhene ne wɔn kasae, na wɔanhunu wɔn nyinaa mu deɛ ɔte sɛ Daniel, Hanania, Misael ne Asaria; na wɔde wɔn kaa ɔhene apamfoɔ no ho.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Ɔhene no ne wɔn nyinaa kasaeɛ, na wɔn mu biara ansɔ nʼani gye sɛ, Daniel, Hanania, Misael ne Asaria. Enti, wɔde wɔn kaa ɔhene no apiafoɔ ho.

Ver Capítulo Copiar




Daniel 1:19
11 Referencias Cruzadas  

Na Yosef kopuee Misraim hene Farao anim no, na wadi mfirihyia aduasa. Na Yosef fii Farao anim hɔ kokyinii Misraim asase nyinaa so.


Na Tisbini Elia a ofi Gilead atubrafo no mu ka kyerɛɛ Ahab sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn a migyina n’anim te ase yi, obosu anaa osu rentɔ mfe yi mu gye sɛ ɛnam m’asɛm so!


Sɛ wuhu onipa a ɔyɛ n’adwuma ho nsi a, ahene anim na obegyina, ɔrennyina mpapahwekwa anim.


Enti sɛ AWURADE se ni: Sɛ wosan a, mede wo mɛsan maba; na woabegyina m’anim; na sɛ wuyi aboɔdenne fi ahuhude mu a, wobɛyɛ sɛ m’ano; wɔn de, wɔbɛdan aba wo nkyɛn, na wo de, worensan nkɔ wɔn nkyɛn.


Na bere a ɔhene kae sɛ wɔmfa wɔn mmra no dui no, apiafohene no de wɔn baa Nebukadnesar anim.


mmerantewa a wɔn ho nni dɛm na wɔn ho yɛ fɛ, na wɔn ani atew, nyansa nyinaa mu, na wonim de na wɔwɔ nhumu, na wobetumi agyina ɔhene aban mu, na ɔnkyerɛ wɔn mma wonsua Kaldeafo nhoma ne kasa.


Na ɔhene yii wɔn ahennuan no bi, da biara ne ne de, ne nsa a ɔnom no bi, sɛ wɔnyɛn wɔn mfe abiɛsa; na ɛno akyi wommegyina ɔhene anim.


Na wɔn mu bi a wofi Yudafo mu ne Daniel, Hanania, Misael ne Asaria;


na apiafohene no totoo wɔn din: Ɔtoo Daniel, Beltesasar, na ɔtoo Hanania, Sadrak, na ɔtoo Misael, Mesak, na ɔtoo Asaria, Abednego.


Na mmara no bae sɛ wonkum anyansafo no; na wɔhwehwɛɛ Daniel ne ne mfɛfo no sɛ wɔrebekum wɔn.


Na me na mehyɛ mmara sɛ ɔman, nkurɔfo ne ɔkasa horow nyinaa mu biara a ɔka Sadrak, Mesak ne Abednego Nyankopɔn ho abususɛm no, wobetwitwa no asinasin, na wɔama ne fi ayɛ sumina, efisɛ Onyankopɔn bi nni hɔ a obetumi agye onipa sɛɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios