Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 1:18 - KYERƐW KRONKRON

18 Na bere a ɔhene kae sɛ wɔmfa wɔn mmra no dui no, apiafohene no de wɔn baa Nebukadnesar anim.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Bere a ɔhene no ahyɛ no soe no, ɔpanyin no de mmerante yi nyinaa brɛɛ Nebukadnessar.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

18 Na berɛ a ɔhene kaa sɛ wɔmfa wɔn mmra no duruiɛ no, asomfoɔ panin no de wɔn baa Nebukadnessar anim.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Ɛberɛ a ɔhene no ahyɛ no duruiɛ no, ɔpanin no de mmeranteɛ yi nyinaa brɛɛ Nebukadnessar.

Ver Capítulo Copiar




Daniel 1:18
4 Referencias Cruzadas  

Na mmerantewa baanan yi, Onyankopɔn maa wɔn nhoma ne nyansa nyinaa mu nimdeɛ ne anitew, na Daniel nyaa anisoadehu ne adae nyinaa mu nhumu.


Na ɔhene ne wɔn kasae, na wɔanhu wɔn nyinaa mu nea ɔte sɛ Daniel, Hanania, Misael ne Asaria; na wobegyinaa ɔhene anim.


Na ɔhene yii wɔn ahennuan no bi, da biara ne ne de, ne nsa a ɔnom no bi, sɛ wɔnyɛn wɔn mfe abiɛsa; na ɛno akyi wommegyina ɔhene anim.


Na Daniel kɔe kɔsrɛɛ ɔhene sɛ ɔmma no bere na waka nkyerɛase no akyerɛ no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios