Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 9:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Na Sekemfo no nyinaa ne abankɛse mufo nyinaa behyiae, na wɔkɔe kosii Abimelek hene nkaebo dupɔn a ɛwɔ Sekem no ase.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Na Sekemfoɔ no nyinaa ne abankɛseɛ mufoɔ nyinaa bɛhyiae, na wɔkɔ kɔsii Abimelek hene nkaeɛboɔ dupɔn a ɛwɔ Sekem no ase.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Enti Sekemfo ne Bet-Milofo yɛɛ nhyiamu wɔ odupɔn a ɛbɛn nkaedum a ɛwɔ Sekem no ase. Wosii Abimelek wɔn so hene.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Na Sekemfoɔ no nyinaa ne abankɛseɛ mufoɔ nyinaa bɛhyiae, na wɔkɔ kɔsii Abimelek hene nkaeɛboɔ dupɔn a ɛwɔ Sekem no ase.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Enti, Sekemfoɔ ne Bet-Milofoɔ yɛɛ nhyiamu wɔ odupɔn a ɛbɛn nkaeɛdum a ɛwɔ Sekem no ase. Wɔsii Abimelek wɔn so ɔhene.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na Sekemfo no nyinaa ne abankɛse mufo nyinaa behyiae, na wɔkɔe kosii Abimelek hene nkaebo dupɔn a ɛwɔ Sekem no ase.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 9:6
8 Referencias Cruzadas  

Na Dawid tenaa aban no mu na ɔfrɛɛ no Dawid kurow. Na Dawid totoo ho afasu hyiae fi Milo ne emu fam.


Na ne nkoa sɔre pam ne tiri so, na wokum Yoas wɔ Milo dan a ɛde rekɔ Sila no mu.


Na Yeroboam kyekyeree Sekem, Efraim bepɔw so tenaa mu; na ofii hɔ kɔkyekyeree Penuel.


Na Israel nyinaa tee sɛ Yeroboam asan aba no, wɔsoma kohyiaa no baa asafo no mu, na wosii no Israel nyinaa so hene; obiara nni hɔ a odii Dawid fi akyi sɛ Yuda abusuakuw nko.


Na Rehoboam siim kɔɔ Sekem; na Sekem ne Israel nyinaa aba sɛ wɔrebesi no hene.


Na Yosua kyerɛw nsɛm yi hyɛɛ Onyankopɔn mmara nhoma no mu, na ɔde ɔbo kokuroo sii hɔ wɔ okum dua a esi AWURADE kronkronbea no ase.


Na ɔbaa n’agya fi Ofra bekunkum ne nuanom, Yerubaal mmammarima aduɔsɔn no, ɔbo biako so: Nanso ɛkaa Yerubaal babarima kumaa Yotam, efisɛ ohintawee.


Na wɔkɔka kyerɛɛ Yotam no, osiim kogyinaa Gerisim bepɔw atifi, na ɔmaa ne nne so teɛɛm ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sekemfo, muntie me, na Onyankopɔn nso ntie mo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios