Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 9:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Na ɔbaa n’agya fi Ofra bekunkum ne nuanom, Yerubaal mmammarima aduɔsɔn no, ɔbo biako so: Nanso ɛkaa Yerubaal babarima kumaa Yotam, efisɛ ohintawee.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Na ɔbaa n’agya fie Ofra bɛkunkumm ne nuanom, Yerubaal mmammarima aduɔson no, ɔboɔ baako so; nanso ɛkaa Yerubaal babarima kumaa Yotam, ɛfiri sɛ ɔde ne ho siee.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Ɔde asraafo no kɔɔ nʼagya kurom wɔ Ofra. Na ɛhɔ, ɔbo bi so, na okunkum nʼagya mmabarima aduɔson no nyinaa. Nanso ne nuanom mu akumaa koraa a wɔfrɛ no Yotam no guan kɔtɛwee baabi.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Na ɔbaa n’agya fie Ofra bɛkunkumm ne nuanom, Yerubaal mmammarima aduɔson no, ɔboɔ baako so; nanso ɛkaa Yerubaal babarima kumaa Yotam, ɛfiri sɛ ɔde ne ho siee.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Ɔde asraafoɔ no kɔɔ nʼagya kurom wɔ Ofra. Na ɛhɔ, ɛboɔ bi so, na ɔkunkumm nʼagya mmammarima aduɔson no nyinaa. Nanso ne nuanom mu akumaa koraa a wɔfrɛ no Yotam no dwane kɔtɛɛ baabi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na ɔbaa n’agya fi Ofra bekunkum ne nuanom, Yerubaal mmammarima aduɔsɔn no, ɔbo biako so: Nanso ɛkaa Yerubaal babarima kumaa Yotam, efisɛ ohintawee.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 9:5
15 Referencias Cruzadas  

Na Yehoram sɔre dii n’agya ahenni no so no, ɔhyɛɛ ne ho den, na ɔde nkrante kunkum ne nuammarimanom nyinaa ne Israel mmapɔmma mu binom nso.


Ɛnna Gideon sii afɔremuka hɔ maa AWURADE, na ɔfrɛɛ no: Yahwe-salom. Ɛda so wɔ Ofra a ɛyɛ Abi-eserfo de no de besi nnɛ.


sɛ: Sɔre fa abofra no ne ne na, na kɔ Israel asase so; na wɔn a wɔhwehwɛ abofra no akum no no awu.


Na Herode hui sɛ anyansafo no agoru ne ho no, ne bo fuwii pii; na ɔsoma ma wokokunkum mmofra a wɔ Betlehem ne n’ahye so a wɔadi mfe abien ne wɔn a wonnya nnii saa no nyinaa sɛnea bere no a obisabisaa anyansafo no kyerɛe no.


Na oduu Samaria no, okum nnipa a wɔka maa Ahab, Samaria no nyinaa kosii sɛ ɔsɛee wɔn, sɛ AWURADE ka kyerɛɛ Elia no.


Monka ngu Sekemfo nyinaa asom sɛ: Nea ɛwɔ he na eye ma mo, sɛ Yerubaal mmammarima aduɔsɔn no nyinaa bedi mo so anaa obiako? Na monkae sɛ mo dompe ne mo nam ne me.


Na Gideon wɔ mmammarima aduɔsɔn a wofi n’asen mu, efisɛ ɔwɔ yerenom pii.


Na Sekemfo no nyinaa ne abankɛse mufo nyinaa behyiae, na wɔkɔe kosii Abimelek hene nkaebo dupɔn a ɛwɔ Sekem no ase.


na mo de, moasɔre ahyɛ m’agya fi nnɛ akum ne mma, mmarima aduɔsɔn ɔbo biako so, na mode n’afenaa ba Abimelek asi Sekemfo so hene, sɛ mo nua ne no nti,


Na nhoma no kaa wɔn nsa no, wɔfaa ɔhene mma no kunkum nnipa aduɔsɔn no, na wɔde wɔn ti guguu nkyerɛnkyɛ mu, na wɔsoma ma wɔde kɔmaa no Yesreel.


Na AWURADE bɔfo bae bɛtenaa odupɔn a ɛwɔ Ofra a ɛyɛ Abi-eserni Yoas de no ase; na ne ba Gideon reporow awi nsa-kyi-amoa mu, sɛ ɔde rehintaw Midianfo.


Afei bra ma yentu agyina, na gye wo kra ne wo ba Solomon kra nkwa.


Anyɛ saa a, me wura ɔhene bɛkɔ n’agyanom nkyɛn asaman no, wobebu me ne me ba Solomon nnebɔneyɛfo.


Na ɔne no hintaw AWURADE fi mfe asia. Na Atalia dii asase no so hemmaa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios