Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 9:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na wɔfaa Baal-berit fi nnwetɛbona aduɔsɔn de maa no; na Abimelek de bɔɔ nnipa ahuhufo animharefo bi paa ma wodii n’akyi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Na wɔfaa Baal-berit fie nnwetɛbena aduɔson de maa no; na Abimelek de bɔɔ nnipa ahuhufoɔ animharefoɔ bi paa maa wɔdii n’akyi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Wɔfaa dwetɛ sika nnwetɛbona aduɔson fi Baal-Berit nsɔre so de maa Abimelek, na ɔde faa asraafo a wɔpenee so sɛ wubedi nʼakyi.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Na wɔfaa Baal-berit fie nnwetɛbena aduɔson de maa no; na Abimelek de bɔɔ nnipa ahuhufoɔ animharefoɔ bi paa maa wɔdii n’akyi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Wɔfaa dwetɛ sika pranpran aduɔson firi Baal-Berit asɔreeɛ so de maa Abimelek, na ɔde faa asraafoɔ a wɔpenee so sɛ wobɛdi nʼakyi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Na wɔfaa Baal-berit fi nnwetɛbona aduɔsɔn de maa no; na Abimelek de bɔɔ nnipa ahuhufo animharefo bi paa ma wodii n’akyi.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 9:4
11 Referencias Cruzadas  

Na Gideon wui no, Israelfo san kodii Baalim akyi aguamammɔ mu, na wɔfaa Baal-berit de yɛɛ wɔn nyame.


Na Yudafo a wɔannye anni no ani beree, na wɔfaa ahuhufo no mu nnipa bɔne bi kaa wɔn ho, na wɔmaa nkurɔfo no bɔɔ bum behyiae, na wɔtanee kurow no ani, na wokotwaa Yasɔn dan ho hyiae hwehwɛe sɛ woyi wɔn fi adi de wɔn kɔma nkurɔfo no.


na nnipa hunu ahuhufo ne no boom hyɛɛ wɔn ho den tiaa Solomon ba Rehoboam, nso na Rehoboam yɛ abofra na ne koma yɛ mmerɛw, enti wantumi wɔn.


Ɛnna Yefta guan fii ne nuanom nkyɛn kɔtenaa Tob asase so, na nnipa ahuhufo bi boaa wɔn ho ano bɛkaa Yefta ho, na wodii n’akyi.


Nea ɔdɔw n’asase no didi mee, na nea odi nsɛnhunu akyi nni ti.


Nnyennyentwi mma ne wɔn, wɔn a wonni din mma nso, wɔapam wɔn afi asase so.


Na wɔn a wɔn ho akyere wɔn ne wɔn a ɛdede aka ne wɔn a wɔn werɛ ahow boaboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn, na odii wɔn so safohene. Mmarima bɛyɛ ahanan na wɔbɛkaa ne ho.


Ɛnna Dawid san behyiraa ne fi. Na Saul ba Mikal fii adi behyiaa Dawid na ɔkae sɛ: Anuonyam bɛn na Israel hene anya nnɛ, sɛ wapa ne ho nnɛ ne nkoa mfenaa anim, sɛ ahuhufo no bi pa ne ho animguase so a n’ani mmu no dwɛ yi!


N’adiyifo yɛ ahohoahoafo, nkɔnkɔnsafo ara nko, n’asɔfo hura kronkronbea ho, wodi mmara ho asɛmmɔne.


Na wofii adi kɔɔ mfuw mu kɔtetew wɔn bobe nturo mu aba na wokyikyii nsa, na wɔtoo anigye nnwom, na wɔkɔɔ wɔn nyame fi, na wodidi nomee, na wɔdomee Abimelek.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios