Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 8:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Na Seba ne Salmuna guanee, na otiw wɔn kɔkyeree Midian ahene baanu no, Seba ne Salmuna, na ɔbɔɔ dɔm no nyinaa gui.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Na Seba ne Salmuna dwanee, na ɔtii wɔn kɔkyeree Midian ahemfo baanu no, Seba ne Salmuna, na ɔbɔɔ dɔm no nyinaa gui.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Midian ahemfo baanu a wɔn din de Seba ne Salmuna no guanee, nanso Gideon taa wɔn faa wɔn akofo nyinaa nnommum.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

12 Na Seba ne Salmuna dwanee, na ɔtii wɔn kɔkyeree Midian ahemfo baanu no, Seba ne Salmuna, na ɔbɔɔ dɔm no nyinaa gui.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Midian ahemfo baanu a wɔn din de Seba ne Salmuna no dwaneeɛ, nanso Gideon taa wɔn faa wɔn akofoɔ nyinaa nnommum.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Na Seba ne Salmuna guanee, na otiw wɔn kɔkyeree Midian ahene baanu no, Seba ne Salmuna, na ɔbɔɔ dɔm no nyinaa gui.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 8:12
12 Referencias Cruzadas  

Yɛ wɔn ne wɔn adehye sɛ Oreb ne Seeb, na yɛ wɔn ahemfo nyinaa sɛ Sebah ne Salmuna,


Na aguan bɛbɔ ɔhoɔharefo, na ɔhoɔdenfo nso ahoɔden abɔ no, na dɔmmarima rennye ne ho nkwa.


Nea ɔnhwɛ atitiriw anim, na ommu ɔdehye nsen mmɔboroni; efisɛ ne nsa ano adwuma ne wɔn nyinaa.


Na Gideon foro faa ntamadan mutefo kwan so, Noba ne Yogbeha apuei, na okokunkum dɔm no, efisɛ na dɔm no ani nni wɔn ho so.


Ɛnna Yoas ba Gideon san fii dɔm no mu faa Heres aforoe bae.


Mihuu Kusan ntamadan wɔ ahohia mu, Midian asase so kuntudan no popo.


Woama ɔman no mufo adɔɔso, woama n’anigye so, wɔn ani gye w’anim sɛ twabere mu anigye, sɛnea wodi asadekyɛ mu ahurusi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios