Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 8:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Nso na Seba ne Salmuna wɔ Karkor, na wɔn dɔm ka wɔn ho; wɔbɛyɛ nnipa ɔpedunum, Apueifamfo dɔm no nkae nyinaa; efisɛ nnipa a wɔtwe nkrante ɔpeha aduonu na atotɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Nso na Seba ne Salmuna wɔ Karkor, na wɔn dɔm ka wɔn ho; wɔbɛyɛ nnipa mpemdunum, apueeɛfoɔ dɔm no nyinaa nkaeɛ nyinaa; ɛfiri sɛ nnipa a wɔtwe nkrantɛ mpemha aduonu na atotɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Saa bere yi na Seba ne Salmuna ne akofo mpem dunum wɔ Karkor, aboafo a wofi apuei fam a na emu mpem ɔha aduonu atotɔ dedaw no nkaefo.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Nso na Seba ne Salmuna wɔ Karkor, na wɔn dɔm ka wɔn ho; wɔbɛyɛ nnipa mpemdunum, apueeɛfoɔ dɔm no nyinaa nkaeɛ nyinaa; ɛfiri sɛ nnipa a wɔtwe nkrantɛ mpemha aduonu na atotɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Saa ɛberɛ yi na Seba ne Salmuna ne akofoɔ mpem dunum wɔ Karkor, aboafoɔ a wɔfiri apueeɛ fam a na emu ɔpeha aduonu atotɔ dada no nkaeɛfoɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Nso na Seba ne Salmuna wɔ Karkor, na wɔn dɔm ka wɔn ho; wɔbɛyɛ nnipa ɔpedunum, Apueifamfo dɔm no nkae nyinaa; efisɛ nnipa a wɔtwe nkrante ɔpeha aduonu na atotɔ.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 8:10
17 Referencias Cruzadas  

Na Moab hene hui sɛ dɔm no ano ayɛ den papa ama no no, ɔfaa mmarima ahansɔn a wɔtwe nkrante kaa ne ho sɛ ɔretew mu akɔ Edom hene ho, nanso wɔantumi.


Na Abigya ne ne man kunkum wɔn okunkɛse, na apirafo a wɔtotɔe Israel mu si nnipa a wɔapaw wɔn ɔpehannum.


Na Remalia ba Peka, kunkum Yuda mu nnipa ɔpeha aduonu da koro, mmarima akokodurufo, sɛ wɔagyaw AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no ntia.


Na Israelfo no faa wɔn nuanom mu nnipa ɔpehanu nnommum, mmea, mmammarima ne mmabea, na wɔfom wɔn asade bebree, na wɔde asade no kɔɔ Samaria.


Ɛnna AWURADE bɔfo fi kokum Asaria nsra mu nnipa ɔpeha aduɔwɔtwe anum; na wɔsɔree anɔpa no, na hwɛ, wɔn nyinaa yɛ afunu.


Na wɔn adesoa dua ne wɔn mmati akyi abaa ne wɔn kafopoma no, woabubu mu sɛ Midian da no.


Na wɔkan Benyaminfo da no ara, wɔn a wofifi nkurow mu, nnipa ɔpeduonu asia a wɔtwe nkrante; ɛsono Gibeafo a wɔkan wɔn a wosi mmarima a wɔapaw wɔn ahansɔn no.


Na Israel mmarima a wɔkan wɔn no, woyi Benyamin fi mu a, wosi mmarima ɔpehanan a wɔtwe nkrante. Eyinom nyinaa yɛ mmarima akofofo.


Na ɔman no nyinaa, Israel mmusuakuw nyinaa mu mpanyimfo no, begyinaa Onyankopɔn man guabɔ no mu, wosi mmarima ɔpehannan a wɔnam anammɔn mu a wɔtwe nkrante.


Na Benyamin fii adi fii Gibea da a ɛto so abien no, na wɔkaa Israelfo mu mmarima mpem dunwɔtwe guu fam bio, eyinom nyinaa yɛ mmarima a wɔtwe nkrante.


Na AWURADE kum Benyamin Israel anim, na Israelfo no dwerɛw Benyamin mmarima ɔpeduonu anum ne ɔha da no. Eyinom nyinaa yɛ mmarima a wɔtwe nkrante.


Na Benyamin atɔfo a wɔtotɔe da no nyinaa si mmarima ɔpeduonu anum a wɔtwe nkrante; eyinom nyinaa yɛ mmarima akofofo.


Na wɔde wɔn mmoa ne wɔn ntamadan ba, na wɔba sɛ mmoadabi pii pa; wɔne wɔn yoma nni ano, na wɔba asase no so bɛsɛe no.


Na Midian ne Amalek ne apueifo no nyinaa boaboa wɔn ho ano wɔ obon no mu a wɔn dodow te sɛ mmoadabi, na wɔn yoma nni ano, wɔn dodow te sɛ mpoano nwea.


Na Gideon dui no, na hwɛ, obi reka ɔdae bi akyerɛ ne yɔnko sɛ: Hwɛ, maso dae bi, na hwɛ, atoko abodoo sebɔw bi repirew aba Midian nsra mu, na eduu ntamadan no ho, na ɛpem no hwee hɔ, na ebutuw no koraa ma ntamadan no guguu hɔ.


Na wɔhyenhyɛn ntorobɛnto ahasa no. Na AWURADE maa wɔn nyinaa nkrante kyerɛkyerɛɛ wɔn yɔnkonom ne nsra no nyinaa so; na ɛdɔm no nyinaa guan kosii Bet-sita wɔ Serera, kosii Abel-mehola a ɛwɔ Tabat ho no ano.


Na Gideon foro faa ntamadan mutefo kwan so, Noba ne Yogbeha apuei, na okokunkum dɔm no, efisɛ na dɔm no ani nni wɔn ho so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios