Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 7:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Na wogyigyee ɔman no akwansoduan ne wɔn ntorobɛnto kurakurae; na ogyaa Israel nyinaa kwan ma wɔkɔɔ wɔn ntamadan mu, na osoo mmarima ahasa no mu. Na Midian nsra no wɔ n’ase fam, obon no mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Na wɔgyegyee nkurɔfoɔ no akwansoduane ne wɔn ntotorobɛnto kurakuraa wɔn nsam; na ɔgyaa Israel nyinaa kwan maa wɔkɔɔ wɔn ntomadan mu, na ɔsɔɔ mmarima ahasa no mu. Na Midian nsraban no wɔ n’ase fam bonhwa no mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Enti Gideon gyigyee wɔn akwansoduan ne ntorobɛnto fii akofo no nkyɛn ma wɔkɔɔ fie. Ɛnna ɔmaa mmarima ahaasa no kaa ne nkyɛn. Na Midianfo no atenae wɔ obon a ɛwɔ Gideon ase pɛɛ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Na wɔgyegyee nkurɔfoɔ no akwansoduane ne wɔn ntotorobɛnto kurakuraa wɔn nsam; na ɔgyaa Israel nyinaa kwan maa wɔkɔɔ wɔn ntomadan mu, na ɔsɔɔ mmarima ahasa no mu. Na Midian nsraban no wɔ n’ase fam bonhwa no mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Enti, Gideon gyegyee wɔn akwansoduane ne ntotorobɛnto firii akofoɔ no nkyɛn ma wɔkɔɔ fie. Ɛnna ɔmaa mmarima ahasa no kaa ne nkyɛn. Na Midianfoɔ no atenaeɛ wɔ bɔnhwa a ɛwɔ Gideon ase pɛɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na wogyigyee ɔman no akwansoduan ne wɔn ntorobɛnto kurakurae; na ogyaa Israel nyinaa kwan ma wɔkɔɔ wɔn ntamadan mu, na osoo mmarima ahasa no mu. Na Midian nsra no wɔ n’ase fam, obon no mu.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 7:8
11 Referencias Cruzadas  

ntɛm so, mpofirim, torobɛnto a edi akyiri no hyɛn mu; na wɔbɛhyɛn torobɛnto na awufo no anyan sɛ wɔn a wɔmporɔwee da, na yɛn de, yɛbɛsakra.


Na da no wɔbɛhyɛn torobɛnto kɛse, na wɔn a wɔyerae Asaria asase so ne wɔn a wosum wɔn kɔɔ Misraim asase so no aba, na wɔabɛsɔre AWURADE, bepɔw kronkron no so, Yerusalem.


Na Midian ne Amalek ne Apueifamfo n nyinaa bɛboaa wɔn ho ano, na wotwa bɛbɔɔ nsra Yesreel bon mu.


Na odui no, ɔhyɛn torobɛnto Efraim bepɔw so, na Israel mma ne no sian fii bepɔw no so, na odii wɔn anim;


Ɛnna ɔman no bɔɔ ose na wɔhyɛn ntorobɛnto no. Na ɔman no tee ntorobɛnto no nne no, ɔman no huro bɔɔ ose kɛse, na ɔfasu no hwee fam burum, na ɔman no foro kɔɔ kurow no mu, wɔn nyinaa kokɔɔ wɔn anim tee, na wɔfaa kurow no.


Na asɔfo baasɔn nkurakura osebɔ ntorobɛnto ason mfa nni adaka no anim, na ɛda a ɛto so ason no, muntwa kurow no ho nhyia mpɛn asɔn, na asɔfo no nhyɛn ntorobɛnto no.


Na sɛ morekɔ ɔsa mo asase so ne ahohiafo a wohiahia mo ho akɔko a, ɛnne momfa ntorobɛnto nhyɛn osebɔ, na wɔnkae mo, AWURADE mo Nyankopɔn anim, na wonnye mo nkwa, mo atamfo no nsam.


Na ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so du no, ma wɔnhyɛn torobɛnto yiye, mpata da no na momma wɔnhyɛn torobɛnto ntwam mo asase nyinaa so.


Kasa kyerɛ Israelfo sɛ ɔsram a ɛto so ason no da a edi kan nyɛ mo homeda, torobɛntohyɛn nkae, nhyia kronkron;


Na AWURADE ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Mmarima ahasa a wɔtaforoe no na mede megye mo, na mede Midian mahyɛ wo nsa, na ma wɔn a aka no mu biara nkɔ ne tenabea.


Na anadwo no ara AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre sian kɔ nsra no mu, na mede mahyɛ wo nsa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios