Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 6:4 - KYERƐW KRONKRON

4 na wɔbɛbɔ wɔn so nsra, na wɔsɛe asase no so nnɔbae de kodu Gasa, na wonnyaw aduan bi anaa oguan sɛ nantwi sɛ afurum bi wɔ Israel.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 na wɔbɛkyere wɔn so nsraban, na wɔsɛe asase no so nnɔbaeɛ de kɔduru Gasa, na wɔnnya aduane biara anaa odwan sɛ nantwie sɛ afunumu biara wɔ Israel.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Wɔbɛyɛɛ atenae wɔ wɔn asase no so sɛe nnɔbae no fi Gasa a wɔannyaw Israelfo aduan biara. Wɔfaa nguan, anantwi ne mfurum.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 na wɔbɛkyere wɔn so nsraban, na wɔsɛe asase no so nnɔbaeɛ de kɔduru Gasa, na wɔnnya aduane biara anaa odwan sɛ nantwie sɛ afunumu biara wɔ Israel.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Wɔbɛyɛ atenaeɛ wɔ wɔn asase no so sɛe mfudeɛ no firi Gasa a wɔnnya Israelfoɔ aduane biribiara. Wɔfa nnwan, anantwie ne mfunumu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 na wɔbɛbɔ wɔn so nsra, na wɔsɛe asase no so nnɔbae de kodu Gasa, na wonnyaw aduan bi anaa oguan sɛ nantwi sɛ afurum bi wɔ Israel.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 6:4
12 Referencias Cruzadas  

me nso nea mɛyɛ mo ni: Mɛma akomatude abɛto mo, samanwaw ne atiridii a ɛbɛma mo aniwa ayɛ siamoo na mo kra atotɔ piti, na mubedua mo adua kwa, na mo atamfo abedi.


Na wobedi wo mmoa mma ne w’asase so aba akosi sɛ wɔbɛsɛe wo, na wɔrennyaw wo aburow, nsa anaa ngo, w’anantwi mma anaa wo nguan mma, akosi sɛ wɔbɛsɛe wo.


wo de, wubegu na worentwa; wubekyi ngodua aba, na worensra ngo no, na wobekyi nsamono, na worennom nsa no.


W’asase so aba ne w’adwumade nyinaa, ɔman a wunnim wɔn na wobedi, na ɔhyɛ nko na wɔbɛhyɛ wo na wɔapɛtɛw wo nna nyinaa;


Ohiani a ɔhyɛ ohiani so te sɛ osu a ɛpra ade kɔ a ɛmma aduan mma.


Na Lot maa n'ani so hwɛɛ Yordan nyinaa de kosi Soar huu sɛ ne nyinaa so wɔ nsu te sɛ AWURADE turo no te sɛ Misraim, ansa na AWURADE resɛe Sodom ne Gomora no.


Na Kanaanfo hye fi Sidon kodu Gerar de kosi Gasa kodu Sodom, Gomora, Adma ne Seboim de kosi Lasa.


Sɛ awifo, sɛ anadwo adwowtwafo ba wo so a, ao, woasɛe dɛn ara, so anka wɔrenwia nea ɛbɛso wɔn? Sɛ obobe abatewfo ba wo so a, so anka wɔremma mpɛpɛwa nka anaa?


Na sɛ Israel nya gu nneɛma a, na Midian ne Amalek ne apueifo no aforo aba wɔn so,


Na wobedi wo nnɔbae ne w’aduan a anka wo mmammarima ne wo mmabea bedi, na wobedi wo nguan ne w’anantwi, wobedi wo bobe ne w’aborɔdɔma, na wɔde afoa abobɔ wo nkurow a ɛyɛ den a wode wo ho too so no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios