Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 6:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na Israelfo yɛɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na AWURADE de wɔn hyɛɛ Midian nsa mfe asɔn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na Israelfoɔ yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na AWURADE de wɔn hyɛɛ Midian nsa mfeɛ nson.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Israelfo no yɛɛ nea ɛyɛ Awurade ani so bɔne bio. Ɛno nti, Awurade de wɔn hyɛɛ Midianfo nsa mfe ason.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Na Israelfoɔ yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na AWURADE de wɔn hyɛɛ Midian nsa mfeɛ nson.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛyɛ Awurade ani so bɔne bio. Ɛno enti, Awurade de wɔn hyɛɛ Midianfoɔ nsa mfeɛ nson.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na Israelfo yɛɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na AWURADE de wɔn hyɛɛ Midian nsa mfe asɔn.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 6:1
16 Referencias Cruzadas  

Na ɔwoo Simran ne Yoksan ne Medan ne Midian ne Isbak ne Sua maa no.


Na Midianfo aguadifo bi bɛsenee. Na wɔtwetwee Yosef yii no fii abura no mu, na wɔtɔn Yosef maa Ismaelfo no gyee nnwetɛbona aduonu. Na wɔde Yosef kɔɔ Misraim.


Mihuu Kusan ntamadan wɔ ahohia mu, Midian asase so kuntudan no popo.


Na Moab ka kyerɛɛ Midian mpanyimfo sɛ: Afei dɔm yi bedi yɛn ho ade nyinaa, sɛnea nantwi di asase so wura no. Saa bere no mu na Sipor ba Balak ne Moab hene.


Na ɛdɛn na menka bio? Na sɛ mereka Gideon, Barak, Samson, Yefta, Dawid ne Samuel ne adiyifo no ho asɛm a, anka adagyew bɛbɔ me.


Na AWURADE abufuw dɛw hyɛɛ Israel, na ɔtɔn wɔn hyɛɛ Filistifo ne Amonfo nsa.


Na Israelfo no yɛɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔsom Baalim.


Na Gideon ka kyerɛɛ no sɛ: Wo kyɛw ni, me wura, sɛ AWURADE di yɛn akyi a, anka ɛdɛn na eyi nyinaa ato yɛn yi? Na ɛhe na n’anwonwade a yɛn agyanom kaa yɛn sɛ: Misraim na Awurade yii yɛn, no nyinaa wɔ? Na afei Awurade apa yɛn, na ɔde yɛn ahyɛ Midian nsayam.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios