Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 5:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Me koma da Israel atitiriw a wofi ɔman no mu yii wɔn yam bae no so: Munhyira AWURADE!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 M’akoma da Israel atitire a wɔfiri ɔman no mu yii wɔn yam baeɛ no so. Monhyira AWURADE!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Mewɔ Israel ntuanofo afa ne wɔn a wɔde anigye dii wɔn akyi. Hyira Awurade!

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 M’akoma da Israel atitire a wɔfiri ɔman no mu yii wɔn yam baeɛ no so. Monhyira AWURADE!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Mewɔ Israel ntuanofoɔ afa ne wɔn a wɔde anigyeɛ dii wɔn akyi. Hyira Awurade!

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Me koma da Israel atitiriw a wofi ɔman no mu yii wɔn yam bae no so: Munhyira AWURADE!

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 5:9
11 Referencias Cruzadas  

Sɛ Israel mu atitiriw dii wɔn anim, na ɔman no nso yii wɔn yam bae nti, munhyira AWURADE.


Enti medwen sɛ ehia sɛ mitu anuanom no fo sɛ wonni yɛn kan mmra mo nkyɛn, na wommesiesie mo nhyira a mahyɛ ase masie no nto hɔ, na ada hɔ sɛ nhyira, na ɛnyɛ sɛ anibere.


Ɛwom sɛ yɛn afotu na otiei de, nanso ne mmɔdemmɔ boro so nti, ɔde n’ankasa ne pɛ so ɔreba mo nkyɛn.


Na sɛ koma a ɛpɛ wɔ hɔ a, ɛsɔ ani, sɛnea onii no wɔ ade, na ɛnyɛ sɛnea onni.


Na ɔman no ani gyei nea woyii wɔn yam de mae no ho, efisɛ koma mu nyinaa na wɔde yii wɔn yam de maa AWURADE, na ɔhene Dawid nso ani gyee anigye kɛse.


Na ɔno so na Sikri ba, Amasia a ɔde ne ho maa AWURADE ayamye so no di, na mmarima a wotumi ɔpehanu ka ne ho.


Na ɔman no hyiraa mmarima a woyii wɔn yam sɛ wɔrebɛtena Yerusalem no nyinaa.


Ɛnna Hesekia ne mmapɔmma no bae behuu akuwakuw no, na wohyiraa AWURADE ne ne man Israel.


Me kra, hyira AWURADE, na mma wo werɛ mmfi ne nneyɛe pa nyinaa.


Wo man beyi wɔn yam koraa aba, wo koda no, adurade kronkron mu, wo mmerante asafo ba ma wo sɛ obosu fi adekyee yam.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios