Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 5:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Mmepɔw popoe AWURADE anim, Mekyerɛ Sinai, wɔ AWURADE, Israel Nyankopɔn no, anim.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Mmepɔ popoo AWURADE anim, Sinai, wɔ AWURADE, Israel Nyankopɔn no, anim.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Awurade ba no maa mmepɔw wosowee. Sinai Bepɔw mpo wosowee wɔ Awurade, Israel Nyankopɔn anim.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Mmepɔ popoo AWURADE anim, Sinai, wɔ AWURADE, Israel Nyankopɔn no, anim.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Awurade ba no maa mmepɔ wosoeɛ. Sinai Bepɔ mpo wosoeɛ wɔ Awurade, Israel Onyankopɔn anim.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Mmepɔw popoe AWURADE anim, Mekyerɛ Sinai, wɔ AWURADE, Israel Nyankopɔn no, anim.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 5:5
14 Referencias Cruzadas  

Na wusiw kataa Sinai bepɔw no so nyinaa, efisɛ na AWURADE nam ogya mu asian aba so, na ne wusiw no tu kɔɔ ɔsoro sɛ ɔfononoo mu wusiw, na bepɔw no nyinaa wosowee biribiri.


Mmepɔw nan sɛ hweawa AWURADE anim, asase nyinaa Awurade anim.


mmepɔw wosow n’anim, na nkoko hono; asase wosow n’anim, yiw wiase ne emutefo nyinaa mpo.


Na moamma bepɔw a wɔde nsa ka no ho, ne ogya a ɛrehyew ne omununkum kusuu ne esum ne mframa a ɛbɔ huu


Mmepɔw hu wo a wohinhim; nsu a etue reba; ebun donkudonku ma ne nne so, ɛma ne nsa so kɔ soro;


asase wosowee, ɔsoro nso sosɔe, Onyankopɔn anim, Sinai yi ara wosowee, Onyankopɔn, Israel Nyankopɔn, anim.


Mmepɔw huruhuruwii sɛ adwennini, na nkoko yɛe sɛ nguammaa.


Na ɔman no nyinaa huu aprannaa ne anyinam a ɛpaepae ne torobɛnto nne ne bepɔw a efi wusiw no. Na ɔman no hui no, wɔn ho popoe, na wokogyinaa akyirikyiri.


Ɔno na ɔhwɛ asase na ɛwosow, ɔka mmepɔw na efi wusiw.


Onyankopɔn, wotɔɔ adɔe su guu w’agyapade so, na ɛtɔ beraw a, wo na woma ɛyɛ yiye.


Yɛadannan sɛ wɔn a wunnii wɔn so da; sɛ wɔn a wɔmmɔɔ wo din wɔ wɔn so da.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios