Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 3:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Na Israelfo no tenaa Kanaanfo, Hetifo ne Amorifo ne Perisifo ne Hewifo ne Yebusifo no mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Na Israelfoɔ no tenaa Kanaanfoɔ, Hetifoɔ ne Amorifoɔ ne Perisifoɔ ne Hewifoɔ ne Yebusifoɔ no mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Enti Israelfo no tenaa Kanaanfo, Hetifo, Amorifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo no mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Na Israelfoɔ no tenaa Kanaanfoɔ, Hetifoɔ ne Amorifoɔ ne Perisifoɔ ne Hewifoɔ ne Yebusifoɔ no mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Enti, Israelfoɔ no tenaa Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ no mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na Israelfo no tenaa Kanaanfo, Hetifo ne Amorifo ne Perisifo ne Hewifo ne Yebusifo no mu.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 3:5
16 Referencias Cruzadas  

Na akasakasa baa Abram mmoahwɛfo ne Lot mmoahwɛfo ntam. Na bere no mu na Kanaanfo ne Perisifo tete asase no so.


Nkurɔfo a wɔaka fi Amorifo, Hetifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo mu a womfi Israelfo mu no,


Na wuhuu ne koma sɛ ɛyɛ nokware w’anim, na wo ne no pamee sɛ wode Kanaanfo, Hetifo, Amorifo, Perisifo, Yebusifo ne Girgasifo asase bɛma n’asefo. Na woama wo nsɛm no atim, efisɛ woyɛ ɔtreneeni.


Na mise: Meyi mo afi Misraim amanehunu no mu akɔ Kanaanfo, Hetifo, Amorifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo asase so, asase a nufusu ne wo sen wɔ so no.


Na masian sɛ merebeyi wɔn Misraimfo nsam, na matutu wɔn afi asase no so akɔ asase pa a ɛtrɛw so, asase a nufusu ne wo sen wɔ so: Kanaanfo, Hetifo, Amorifo, Perisifo, Hewifo, Yebusifo tenabea hɔ.


na woanware ne mmabea no bi amma wo ba, na ne mmabea no anni wɔn anyame no akyi ammɔ aguaman, na wɔamma wo mmammarima nso ankodi wɔn anyame no akyi ammɔ aguaman.


Amalek te anafo fam asase so, na Hetifo ne Yebusifo ne Amorifo tete bepɔw so, na Kanaanfo tete mpoano ne Yordan ho.


Sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn de wo du asase a worekɔ akɔfa no so, na ɔpam amanaman pii fi w’anim, Hetifo ne Girgasifo ne Amorifo ne Kanaanfo ne Perisifo ne Hewifo ne Yebusifo, aman ason a wɔdɔɔso na wɔn ho yɛ den sen wo,


Kanaanfo a wɔwɔ Apuei ne atɔe ne Amorifo ne Hetifo ne Perisifo ne mmepɔw so Yebusifo ne Hewifo a wɔwɔ Hermon bepɔw ase, Mispa asase so no nkyɛn.


Na ahene a wɔwɔ Yordan agya ha fam mmepɔw so nyinaa ne Sefela tataw so ne po kɛse no ano nyinaa de kɔ Lebanon ntentenso, Hetifo ne Amorifo, Kanaanfo ne Perisifo ne Hewifo ne Yebusifo no tee no,


Na Yuda tu kɔe, na Awurade de Kanaanfo ne Perisifo no hyɛɛ ne nsa, na wokum nnipa ɔpedu wɔ Besek.


Na wohuu Adoni-besek wɔ Besek, na wɔne no koe, na wokum Kanaanfo ne Perisifo no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios