Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 3:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Na asase no so dwoe mfirihyia aduanan. Na Kenas ba Otniel wui.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Na asase no so dwoo mfirinhyia aduanan. Na Kenas ba Otniel wui.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Enti asomdwoe baa asase no so mfirihyia aduanan. Na Kenas babarima Otniel wui.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 Na asase no so dwoo mfirinhyia aduanan. Na Kenas ba Otniel wui.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Enti, asomdwoeɛ baa asase no so mfirinhyia aduanan. Na Kenas babarima Otniel wuiɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Na asase no so dwoe mfirihyia aduanan. Na Kenas ba Otniel wui.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 3:11
11 Referencias Cruzadas  

Na Kenas mma ne: Otniel ne Seraia; na Otniel mma ne: Hatat.


Na wonyaa asomdwoe pɛ no, wɔsan kɔyɛɛ w’anim bɔne; na wugyaw wɔn mu de wɔn hyɛɛ wɔn atamfo nsa, na wodii wɔn so. Ɛnna wɔsan su frɛɛ wo; na wo nso wufi soro tiee wɔn, na wuyii wɔn sɛ wo mmɔborohunu bebree no te, bere horow mu.


sɛ nna a Yudafo nyaa mu home fii wɔn atamfo nsam, ne ɔsram a ɛdan wɔn fii awerɛhow mu kɔɔ anigye mu na efii nkɔmmɔdi mu kɔɔ dapa mu, sɛ wɔmfa nyɛ apontow ne anigye ne ɔyɔnko ne yɔnko adiama ne ahiafo adekyɛ nna.


Na Yosua faa asase no nyinaa, sɛnea AWURADE ka kyerɛɛ Mose no nyinaa; na Yosua kyekyɛɛ mu maa Israel ma ɛyɛɛ wɔn agyapade, sɛnea wɔn nkyekyem te, wɔn mmusuakuw no mu. Na asase no home fii akodi mu.


Ɛnna Kaleb ne nua Kenas ba Otniel kɔfae, na ɔde ne babea Aksa maa no aware.


Na AWURADE honhom baa no so, na odii Israel anim, na ofii adi tuu sa, na AWURADE de Mesopotamia hene Kusan-risataim, hyɛɛ ne nsa, na odii no so nkonim


Na Israelfo kɔɔ so yɛɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne; na AWURADE hyɛɛ Moab hene Eglon den tiaa Israel, efisɛ wɔyɛɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne.


Na wɔbrɛɛ Moab ase da no ara, Israel nsa ase. Na asase no so dwoe mfirihyia aduɔwɔtwe.


Na Israelfo su frɛɛ AWURADE, na AWURADE maa ogyefo bi so maa Israelfo ma ogyee wɔn: Otniel, Kaleb nua kumaa Kenas ba.


Ao! AWURADE saa na ma w’atamfo nyinaa nsɛe, na w’adɔfo nyɛ sɛ owia a efi n’ahoɔden mu. Na asase no so dwoe mfe aduanan.


Na wɔbrɛɛ Midian ase Israelfo anim, na wɔamma wɔn ti so bio. Na asase no so dwoe Gideon bere so mfirihyia aduanan.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios