Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 21:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Na wɔkae sɛ: Israel mmusuakuw mu hena ara po na wamma AWURADE nkyɛn Mispa? Na hwɛ, obiara amfi Yabes-gilead amma bagua no mu, nsra no mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Na wɔkaa sɛ: Israel mmusuakuo mu hwan ara mpo na wamma AWURADE nkyɛn Mispa? Na hwɛ, obiara amfiri Yabes-gilead amma badwa no mu, nsraban no mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Enti wobisae se, “Bere a yɛde yɛn ho kyerɛɛ Awurade wɔ Mispa no na obi nni hɔ bi ana?” Ɛhɔ na wohui sɛ, obiara amfi Yabes Gilead amma saa aguabɔ no ase bi.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Na wɔkaa sɛ: Israel mmusuakuo mu hwan ara mpo na wamma AWURADE nkyɛn Mispa? Na hwɛ, obiara amfiri Yabes-gilead amma badwa no mu, nsraban no mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Enti wɔbisaa sɛ, “Ɛberɛ a yɛde yɛn ho kyerɛɛ Awurade wɔ Mispa no na obi nni hɔ bi anaa?” Ɛhɔ na wɔhunuu sɛ, obiara amfiri Yabes Gilead amma saa badwa no mu bi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na wɔkae sɛ: Israel mmusuakuw mu hena ara po na wamma AWURADE nkyɛn Mispa? Na hwɛ, obiara amfi Yabes-gilead amma bagua no mu, nsra no mu.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 21:8
9 Referencias Cruzadas  

Yɛbɛyɛ dɛn anya ɔyerenom ama wɔn a wɔaka no, efisɛ yɛaka AWURADE ntam sɛ yɛremfa yɛn mma mu bi mma wɔn aware?


Na wɔkan ɔman no, na hwɛ, Yabes-gileadfo mu biara nni hɔ.


Na ɔfaa anantwi mpamho twitwaa no asinasin de hyehyɛɛ abɔfo no nsam soma ma wɔkɔɔ Israel asase nyinaa so kɔkae sɛ: Obiara a wamfi adi ammedi Saul ne Samuel akyi no, sɛ wɔbɛyɛ n’anantwi ni. Ɛnna AWURADE ho hu tɔɔ ɔman no so, na wofi bae sɛ onipa biako.


Na Yabes-gileadfo tee nea Filistifo ayɛ Saul nyinaa no,


AWURADE bɔfo kae sɛ: Monnome Meros, nnome na monnome emutefo no, sɛ wɔammedi ammoa AWURADE, wɔammɛboa AWURADE antia dɔm kɛse no.


Na wɔka kyerɛɛ abɔfo a wɔbae no sɛ: Sɛ monkɔka nkyerɛ Yabes-gileadfo no ni: Ɔkyena a owia mu reyɛ den no, mubenya ogye. Na abɔfo no ba bɛka kyerɛɛ Yabesfo no, wɔn ani gyei.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios