Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 21:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Yɛbɛyɛ dɛn anya ɔyerenom ama wɔn a wɔaka no, efisɛ yɛaka AWURADE ntam sɛ yɛremfa yɛn mma mu bi mma wɔn aware?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Ɛdeɛn na yɛbɛyɛ ama wɔn a wɔaka no ɛyerenom fam, ɛfiri sɛ yɛaka AWURADE ntam sɛ yɛremfa yɛn mma mu biara mma wɔn awareɛ?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Na ɛbɛyɛ dɛn na yɛanya yerenom ama wɔn a wɔaka no, esiane Awurade ntam a yɛaka sɛ yɛremfa yɛn mmabea mu biara mma wɔn aware nti?”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Ɛdeɛn na yɛbɛyɛ ama wɔn a wɔaka no ɛyerenom fam, ɛfiri sɛ yɛaka AWURADE ntam sɛ yɛremfa yɛn mma mu biara mma wɔn awareɛ?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Na ɛbɛyɛ dɛn na yɛanya yerenom ama wɔn a wɔaka no, ɛsiane sɛ, yɛaka Awurade ntam sɛ yɛremfa yɛn mmammaa mu biara mma wɔn awadeɛ?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Yɛbɛyɛ dɛn anya ɔyerenom ama wɔn a wɔaka no, efisɛ yɛaka AWURADE ntam sɛ yɛremfa yɛn mma mu bi mma wɔn aware?

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 21:7
7 Referencias Cruzadas  

Nso na Israel mmarima no akeka ntam Mispa sɛ: Yɛn mu biara mmfa ne ba mmma Benyamin aware.


Na ɛdɔm no ka kyerɛɛ Saul sɛ: So Yonatan a wayɛ Israel mu ogye adwuma kɛse yi nwu anaa? Ɛmpare no! Sɛ AWURADE te ase yi, ne ti nwi biako po rentɔ fam, efisɛ ɔne Nyankopɔn na ayɛ ade nnɛ da yi. Na ɔman no gyee Yonatan na wanwu.


Na yɛn de, yɛrentumi mfa yɛn mma mu bi mma wɔn aware, efisɛ Israelfo akeka ntam sɛ: Nnome nka nea ɔde ɔbea bi bɛma Benyamin aware.


Na Israelfo no yam hyehyee wɔn maa wɔn nua Benyamin, na wose: Ɛnnɛ wɔatwa abusuakuw biako afi Israel mu akyene.


Na wɔkae sɛ: Israel mmusuakuw mu hena ara po na wamma AWURADE nkyɛn Mispa? Na hwɛ, obiara amfi Yabes-gilead amma bagua no mu, nsra no mu.


Na sɛ wɔn agyanom anaa wɔn nuanom ba yɛn nkyɛn ne yɛn bɛham a, yebese wɔn sɛ: Monhwɛ yɛn anim nnom wɔn, na yɛannya ɔyerenom amma wɔn mmiako mmiako, dɔm no mu; nso ɛnyɛ mo na mode wɔn maa wɔn, na anka sesɛɛ de, moadi so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios