Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 21:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Na Israelfo no kae sɛ: Israel mmusuakuw nyinaa mu hena na wamma guabɔ no mu AWURADE nkyɛn? Efisɛ wɔaka ntankɛse agu nea wamma AWURADE nkyɛn Mispa no so sɛ: Okum na wonkum no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Na Israelfoɔ no kaa sɛ: Israel mmusuakuo nyinaa mu hwan na wamma dwabɔ no mu AWURADE nkyɛn? Ɛfiri sɛ wɔaka ntankɛseɛ agu deɛ wamma AWURADE nkyɛn Mispa no so sɛ: Kum na wɔnku no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Wobisae se, “Abusuakuw bi wɔ hɔ a wannya ɔnanmusini bere a yɛkɔɔ nhyiamu kɛse wɔ Awurade anim wɔ Mispa no ana?” Saa bere no, na wɔaka ntankɛse wɔ Awurade anim sɛ, obiara a wamma no, ɛsɛ sɛ owu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Na Israelfoɔ no kaa sɛ: Israel mmusuakuo nyinaa mu hwan na wamma dwabɔ no mu AWURADE nkyɛn? Ɛfiri sɛ wɔaka ntankɛseɛ agu deɛ wamma AWURADE nkyɛn Mispa no so sɛ: Kum na wɔnku no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Wɔbisaa sɛ, “Abusuakuo bi wɔ hɔ a wannya ɔnanmusini ɛberɛ a yɛkɔɔ nhyiamu kɛseɛ wɔ Awurade anim wɔ Mispa no anaa?” Saa ɛberɛ no, na wɔaka ntankɛseɛ wɔ Awurade anim sɛ, obiara a wamma no, ɛsɛ sɛ ɔwu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na Israelfo no kae sɛ: Israel mmusuakuw nyinaa mu hena na wamma guabɔ no mu AWURADE nkyɛn? Efisɛ wɔaka ntankɛse agu nea wamma AWURADE nkyɛn Mispa no so sɛ: Okum na wonkum no.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 21:5
8 Referencias Cruzadas  

AWURADE bɔfo kae sɛ: Monnome Meros, nnome na monnome emutefo no, sɛ wɔammedi ammoa AWURADE, wɔammɛboa AWURADE antia dɔm kɛse no.


Nnome nka nea ɔyɛ AWURADE adwuma ebi ne bi, na nnome nka nea osianka n’afoa fi mogya mu.


Na ɔfaa anantwi mpamho twitwaa no asinasin de hyehyɛɛ abɔfo no nsam soma ma wɔkɔɔ Israel asase nyinaa so kɔkae sɛ: Obiara a wamfi adi ammedi Saul ne Samuel akyi no, sɛ wɔbɛyɛ n’anantwi ni. Ɛnna AWURADE ho hu tɔɔ ɔman no so, na wofi bae sɛ onipa biako.


Na yɛn de, yɛrentumi mfa yɛn mma mu bi mma wɔn aware, efisɛ Israelfo akeka ntam sɛ: Nnome nka nea ɔde ɔbea bi bɛma Benyamin aware.


Nso na Israel mmarima no akeka ntam Mispa sɛ: Yɛn mu biara mmfa ne ba mmma Benyamin aware.


Na Israelfo no yam hyehyee wɔn maa wɔn nua Benyamin, na wose: Ɛnnɛ wɔatwa abusuakuw biako afi Israel mu akyene.


Na ɛden Israel mmarima da no; na Saul kaa ɔman no ntam sɛ: Nnome nka obiara a obedidi ansa na onwini adwo, na minni m’atamfo so were. Enti ɔman no mu biara amfa aduan anka n’ano.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios