Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 21:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na ade kyee no, ɔman no tuaa ahema sii afɔremuka wɔ hɔ, na wɔbobɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Na adeɛ kyeeɛ no, ɔman no tuaa nhema sii afɔrebukyia wɔ hɔ, na wɔbobɔɔ hyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Adekyee mu no, nnipa no sii afɔremuka, na wɔbɔɔ ɔhyew ne asomdwoe afɔre.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Na adeɛ kyeeɛ no, ɔman no tuaa nhema sii afɔrebukyia wɔ hɔ, na wɔbobɔɔ hyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Adekyeɛ mu no, nnipa no tuaa nhema sii afɔrebukyia, na wɔbɔɔ ɔhyeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Na ade kyee no, ɔman no tuaa ahema sii afɔremuka wɔ hɔ, na wɔbobɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 21:4
13 Referencias Cruzadas  

Na Gad baa Dawid nkyɛn da no bɛka kyerɛɛ no sɛ: Foro kɔ na kosi afɔremuka ma AWURADE, Yebusini Arauna awiporowbea hɔ.


Na Dawid sii afɔremuka maa AWURADE wɔ hɔ na ɔbɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre. Na AWURADE gyee mpata no maa asase no, na wosiw ɔhaw no kwan fii Israel so.


Da no ara ɔhene yɛɛ AWURADE dan no anim abangua no kronkron, na ɛhɔ na ɔhyew ɔhyew afɔre ne aduan afɔre ne asomdwoe afɔre ho srade no, efisɛ kɔbere afɔremuka a esi AWURADE anim no sua dodo sɛ ɛbɛhyew ɔhyew afɔre ne aduan afɔre ne asomdwoe afɔre ho srade no.


Mɛkɔ, mɛsan makɔ me baabi, akosi sɛ ɛbɛka wɔn ani na wɔabɛhwehwɛ m’anim; wɔn ho hia wɔn a, wɔbɛhwehwɛ me ntɛm.


na mmom faako a AWURADE mo Nyankopɔn beyi mo mmusuakuw nyinaa mu sɛ ɔde ne din bɛto na watena no na monhwɛ, na ɛhɔ na monkɔ;


Yɛwɔ afɔremuka a wɔn a wɔsom ntamadan no nni ho kwan sɛ wodi ho biribi.


Ɛnna Israelfo nyinaa ne ɔman no nyinaa siim kɔɔ Betel, na wosui, na wɔtenaa AWURADE anim hɔ dii abuada da no de kosii anwummere, na wɔbobɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre AWURADE anim.


Na wɔkae sɛ: O AWURADE, Israel Nyankopɔn, ɛdɛn nti na eyi aba Israel, sɛ nnɛ Israel mu abusuakuw biako nni hɔ yi?


Ɛnna Gideon sii afɔremuka hɔ maa AWURADE, na ɔfrɛɛ no: Yahwe-salom. Ɛda so wɔ Ofra a ɛyɛ Abi-eserfo de no de besi nnɛ.


Na si afɔremuka ma AWURADE wo Nyankopɔn, bepɔw a ɛyɛ den yi atifi, sɛ ɛho nhyehyɛe te. Na fa nantwinini a ɔto so abien no bɔ ɔhyew afɔre Asera nnua a wubetwa no nnyina no so.


Na ɔsan ba Rama, na ɛhɔ na ne fi wɔ; na odi Israel so wɔ hɔ, na osii afɔremuka wɔ hɔ maa AWURADE.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios