Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 21:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔman no baa Betel bɛtenaa Onyankopɔn anim koduu anwummere, na wɔmomaa wɔn nne so suu osu kɛse.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Na ɔman no baa Betel bɛtenaa Nyankopɔn anim kɔduruu anwummerɛ, na wɔmemaa wɔn nne so suu su kɛseɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Nnipa no kɔɔ Bet-El kɔtenaa Onyankopɔn anim kosii anwummere, maa wɔn nne so, suu denneennen kae se,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Na ɔman no baa Betel bɛtenaa Nyankopɔn anim kɔduruu anwummerɛ, na wɔmemaa wɔn nne so suu su kɛseɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Nnipa no kɔɔ Bet-El kɔtenaa Onyankopɔn anim kɔsii anwummerɛ, maa wɔn nne so, suu dendeenden kaa sɛ,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔman no baa Betel bɛtenaa Onyankopɔn anim koduu anwummere, na wɔmomaa wɔn nne so suu osu kɛse.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 21:2
10 Referencias Cruzadas  

Na Esau ka kyerɛɛ n'agya sɛ: M'agya, so nhyira biako pɛ na wowɔ? Hyira me nso, m'agya. Na Esau maa ne nne so sui.


Na Israelfo asafo no nyinaa behyiae Silo, na wosii ahyiae ntamadan no wɔ hɔ, na wɔbrɛɛ asase no ase wɔn anim.


Na AWURADE bɔfo no kaa nsɛm yi kyerɛɛ Israelfo no nyinaa no, ɔman no maa wɔn nne so sui.


Na Israelfo sɔree, na wosiim kɔɔ Betel kobisaa Onyankopɔn; na wose: Yɛn mu hena na ɔnkɔ kan ne Benyaminfo no nkɔko? Na AWURADE kaa sɛ: Yuda nkɔ kan.


Na Israelfo no kɔ kosui AWURADE anim kosii anwummere, na wobisaa AWURADE se: So mintwiw nkɔ bio na me ne me nua Benyamin mma no nkɔko? Na AWURADE kaa sɛ: Monkɔ no so.


Ɛnna Israelfo nyinaa ne ɔman no nyinaa siim kɔɔ Betel, na wosui, na wɔtenaa AWURADE anim hɔ dii abuada da no de kosii anwummere, na wɔbobɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre AWURADE anim.


Na wohuu Yabes-gileadfo no mu mmabaa ahanan a wonnim mmarima nna, na wɔde wɔn baa nsra no mu Silo a ɛwɔ Kanaan asase so.


Na wɔkae sɛ: O AWURADE, Israel Nyankopɔn, ɛdɛn nti na eyi aba Israel, sɛ nnɛ Israel mu abusuakuw biako nni hɔ yi?


Ɛnna abɔfo no baa Gibea faako a Saul fi bɛkaa asɛm no ɔman no asom; na ɔman no nyinaa momaa wɔn nne so susui.


Ɛnna Dawid ne dɔm a wɔka ne ho no momaa wɔn nne so sui ara kosii sɛ wonnya ahoɔden nsu bio.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios