Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 21:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Na wohuu Yabes-gileadfo no mu mmabaa ahanan a wonnim mmarima nna, na wɔde wɔn baa nsra no mu Silo a ɛwɔ Kanaan asase so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Na wɔhunuu Yabes-gileadfoɔ no mu mmabaa ahanan a wɔnnim mmarima nna, na wɔde wɔn baa nsraban no mu Silo a ɛwɔ Kanaan asase soɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Yabes Gileadfo mu no, wohuu mmabun ahannan a wɔne mmarima nnaa da, na wɔde wɔn baa nsraban a ɛwɔ Silo wɔ Kanaan asase so hɔ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

12 Na wɔhunuu Yabes-gileadfoɔ no mu mmabaa ahanan a wɔnnim mmarima nna, na wɔde wɔn baa nsraban no mu Silo a ɛwɔ Kanaan asase soɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Yabes Gileadfoɔ mu no, wɔhunuu mmaabunu ahanan a wɔne mmarima nnaa da, na wɔde wɔn baa nsraban a ɛwɔ Silo wɔ Kanaan asase so hɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Na wohuu Yabes-gileadfo no mu mmabaa ahanan a wonnim mmarima nna, na wɔde wɔn baa nsra no mu Silo a ɛwɔ Kanaan asase so.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 21:12
8 Referencias Cruzadas  

Na Israelfo asafo no nyinaa behyiae Silo, na wosii ahyiae ntamadan no wɔ hɔ, na wɔbrɛɛ asase no ase wɔn anim.


Na monkɔ me tenabea a ɛwɔ Silo a miyii kan sɛ me din ntena hɔ no, na monkɔhwɛ nea me man Israel bɔne no nti mayɛ no.


Na ogyaw Silo tenabea no, ntamadan a osii nnipa mu no.


Na Israelfo no kɔ kosui AWURADE anim kosii anwummere, na wobisaa AWURADE se: So mintwiw nkɔ bio na me ne me nua Benyamin mma no nkɔko? Na AWURADE kaa sɛ: Monkɔ no so.


Na Israelfo sɔree, na wosiim kɔɔ Betel kobisaa Onyankopɔn; na wose: Yɛn mu hena na ɔnkɔ kan ne Benyaminfo no nkɔko? Na AWURADE kaa sɛ: Yuda nkɔ kan.


Na wɔkae sɛ: Israel mmusuakuw mu hena ara po na wamma AWURADE nkyɛn Mispa? Na hwɛ, obiara amfi Yabes-gilead amma bagua no mu, nsra no mu.


Na eyi ne ade a monyɛ: Mmarima nyinaa ne mmea a wonim mmarima nna nyinaa, monsɛe wɔn pasaa.


Ɛnna asafo no nyinaa soma ma wɔne Benyaminfo a wɔwɔ Rimon botan mu no kɔkasae, na wɔkaa wɔn asomdwoesɛm.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios