Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 21:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Nso na Israel mmarima no akeka ntam Mispa sɛ: Yɛn mu biara mmfa ne ba mmma Benyamin aware.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Nso na Israel mmarima no akeka ntam Mispa sɛ: Yɛn mu biara mmfa ne ba mmma Benyamin awareɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Israelfo aka ntam wɔ Mispa sɛ, wɔremfa wɔn mmabea mma ɔbarima biara a ofi Benyamin abusuakuw mu aware.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Nso na Israel mmarima no akeka ntam Mispa sɛ: Yɛn mu biara mmfa ne ba mmma Benyamin awareɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Israelfoɔ aka ntam wɔ Mispa sɛ, wɔremfa wɔn mmammaa mma ɔbarima biara a ɔfiri Benyamin abusuakuo mu awadeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Nso na Israel mmarima no akeka ntam Mispa sɛ: Yɛn mu biara mmfa ne ba mmma Benyamin aware.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 21:1
19 Referencias Cruzadas  

Ɛnna Israelfo nyinaa tui, na asafo no ano behyiae sɛ onipa biako, efi Dan kosi Beer-seba, ne Gilead asase, na wɔbaa Mispa, AWURADE nkyɛn.


Na ɔkaa no ntam sɛ: Ade biara a wubebisa me no, mɛma wo, de akosi m’ahenni fa so.


Na ade kyee no, Yudafo no mu binom pam kekaa wɔn ho ntam sɛ wɔrennidi, nanso wɔrennom, gye sɛ wɔakum Paulo ansa.


Mma w’ano nnyɛ birebire, na wo koma nso mmpɛ ntɛm mmma asɛm bi mmfi, Onyankopɔn anim, na Onyankopɔn wɔ ɔsoro, na wo de, wowɔ asase so; enti ma wo nsɛm nyɛ kakraa bi.


Na yɛn de, yɛrentumi mfa yɛn mma mu bi mma wɔn aware, efisɛ Israelfo akeka ntam sɛ: Nnome nka nea ɔde ɔbea bi bɛma Benyamin aware.


Na ɔman no nyinaa sɔre gyinae sɛ ɔbarima biako kae sɛ: Yɛn mu biara renkɔ ne ntamadan mu, na yɛn mu biara remman ne fi.


Na midi wɔn adanse sɛ wɔwɔ Onyankopɔn ho mmɔdemmɔ de, nanso wonni no nimdeɛ mu.


na ka AWURADE teasefo ho ntam nokware mu, atemmu ne trenee mu, na amanaman ahyirahyira wɔn ho wɔ ne mu, na ɔno mu wɔahyehye wɔn ho.


Na ɛden Israel mmarima da no; na Saul kaa ɔman no ntam sɛ: Nnome nka obiara a obedidi ansa na onwini adwo, na minni m’atamfo so were. Enti ɔman no mu biara amfa aduan anka n’ano.


Yɛbɛyɛ dɛn anya ɔyerenom ama wɔn a wɔaka no, efisɛ yɛaka AWURADE ntam sɛ yɛremfa yɛn mma mu bi mma wɔn aware?


Na Israelfo no kae sɛ: Israel mmusuakuw nyinaa mu hena na wamma guabɔ no mu AWURADE nkyɛn? Efisɛ wɔaka ntankɛse agu nea wamma AWURADE nkyɛn Mispa no so sɛ: Okum na wonkum no.


na yɛayi nnipa ɔha mu du, Israel mmusuakuw nyinaa mu, ne apem mu ɔha, ne ɔpedu mu apem, na wɔakɔfa aduan abrɛ ɔman no, na sɛ wɔba a, wɔabɛyɛ Gibea a ɛwɔ Benyamin sɛ nkwaseasɛm a wodii Israel mu no nyinaa te.


Na Israel mmarima no san wɔn akyi baa Benyaminfo no so, na wɔde nkrante kunkum wɔn, nnipa ne mmoa, ne nea wɔn nsa kae nyinaa; nso wɔtotoo nkurow a woduu so nyinaa mu gya.


Na sɛ wɔn agyanom anaa wɔn nuanom ba yɛn nkyɛn ne yɛn bɛham a, yebese wɔn sɛ: Monhwɛ yɛn anim nnom wɔn, na yɛannya ɔyerenom amma wɔn mmiako mmiako, dɔm no mu; nso ɛnyɛ mo na mode wɔn maa wɔn, na anka sesɛɛ de, moadi so.


Na Yeremia kɔɔ Ahikam ba Gedalia nkyɛn Mispa, na ɔne no tenaa nkurɔfo a wogyaw wɔn asase no so no mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios