Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 20:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔman no nyinaa, Israel mmusuakuw nyinaa mu mpanyimfo no, begyinaa Onyankopɔn man guabɔ no mu, wosi mmarima ɔpehannan a wɔnam anammɔn mu a wɔtwe nkrante.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Na ɔman no nyinaa, Israel mmusuakuo nyinaa mu mpanimfoɔ no, bɛgyinaa Nyankopɔn man dwabɔ no mu, wɔyɛ mmarima mpemahanan a wɔnam anammɔn mu a wɔtwe nkrantɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Nnipa no nyinaa ne Israel mmusuakuw no nyinaa ntuanofo, akofo mpem ahannan a wokurakura afoa kɔɔ Onyankopɔn mma guabɔ no ase.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Na ɔman no nyinaa, Israel mmusuakuo nyinaa mu mpanimfoɔ no, bɛgyinaa Nyankopɔn man dwabɔ no mu, wɔyɛ mmarima mpemahanan a wɔnam anammɔn mu a wɔtwe nkrantɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Nnipa no nyinaa ne Israel mmusuakuo no nyinaa ntuanofoɔ, akofoɔ mpem ahanan a wɔkurakura akofena kɔɔ Onyankopɔn mma dwabɔ no ase.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔman no nyinaa, Israel mmusuakuw nyinaa mu mpanyimfo no, begyinaa Onyankopɔn man guabɔ no mu, wosi mmarima ɔpehannan a wɔnam anammɔn mu a wɔtwe nkrante.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 20:2
9 Referencias Cruzadas  

Nso na Seba ne Salmuna wɔ Karkor, na wɔn dɔm ka wɔn ho; wɔbɛyɛ nnipa ɔpedunum, Apueifamfo dɔm no nkae nyinaa; efisɛ nnipa a wɔtwe nkrante ɔpeha aduonu na atotɔ.


Na Israel mmarima a wɔkan wɔn no, woyi Benyamin fi mu a, wosi mmarima ɔpehanan a wɔtwe nkrante. Eyinom nyinaa yɛ mmarima akofofo.


Na wɔkan Benyaminfo da no ara, wɔn a wofifi nkurow mu, nnipa ɔpeduonu asia a wɔtwe nkrante; ɛsono Gibeafo a wɔkan wɔn a wosi mmarima a wɔapaw wɔn ahansɔn no.


Na Moab hene hui sɛ dɔm no ano ayɛ den papa ama no no, ɔfaa mmarima ahansɔn a wɔtwe nkrante kaa ne ho sɛ ɔretew mu akɔ Edom hene ho, nanso wɔantumi.


na Yoab de ɔman no anobu no dodow no brɛɛ ɔhene, na Israel dɔm mu mmarima a wɔtwe nkrante ano si ɔpeha ahorow awotwe, na Yuda mmarima si ɔpeha ahorow anum.


Na Benyaminfo tee sɛ Israelfo asim kɔ Mispa. Na Israelfo no kae sɛ: Monka nkyerɛ yɛn ɛ, ɛyɛɛ dɛn na wɔyɛɛ bɔne a ɛte sɛɛ yi?


Na ɔkan wɔn Besek, na Israelfo no ano si ɔpehasa, na Yuda mmarima si ɔpeduasa.


Na Israelfo no tee no, wɔboaboaa Israelfo asafo no nyinaa ano Silo, sɛ wɔretu wɔn so sa.


Na ɔbea no se: Ɛnne ɛdɛn nti na woasusuw saa ade yi Onyankopɔn man ho na sɛ ɔhene reka asɛm yi a, ɔte sɛ nea odi so, sɛ ɔhene nkɔfa ne nipa a wɔapam no no nsan mma.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios