Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 2:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Na Israelfo no yɛɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔsom Baalim.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Na Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔsom Baalim.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Na Israelfo no yɛɛ nea enye wɔ Awurade ani so, na wɔsom Baalim ahoni.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 Na Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔsom Baalim.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Na Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛnyɛ wɔ Awurade ani so, na wɔsom Baalim ahoni.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Na Israelfo no yɛɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔsom Baalim.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 2:11
34 Referencias Cruzadas  

Na Israelfo kɔɔ so yɛɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔsom Baalim ne Astarot ne Siria anyame ne Sidon anyame ne Moab anyame ne Amonfo anyame ne Filistifo anyame, na wogyaw AWURADE hɔ na wɔansom no.


Na Israelfo yɛɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na AWURADE de wɔn hyɛɛ Midian nsa mfe asɔn.


Ehud wu akyi no Israelfo no kɔɔ so yɛɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne.


Na Israelfo yɛɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔn werɛ fii AWURADE wɔn Nyankopɔn, na wɔkɔsom Baalim ne Asera nnua.


Na Gideon wui no, Israelfo san kodii Baalim akyi aguamammɔ mu, na wɔfaa Baal-berit de yɛɛ wɔn nyame.


Na ose: Menhaw Israel ɛ, na mmom wo ne w’agya fi, sɛ moagyaw AWURADE mmara nsɛm, na woakodi Baalim akyi.


Na Israelfo kɔɔ so yɛɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na AWURADE de wɔn hyɛɛ Filistifo nsa mfirihyia aduanan.


Na wodii wɔn koma denyɛ akyi ne Baalim akyi, sɛ wɔn agyanom kyerɛɛ wɔn no.


Ɛyɛɛ dɛn na woka sɛ: Me ho nguu fi ɛ, Baalim akyi nso minnii ɛ? Hwɛ wo kwan obon no mu, hu nea woayɛ. Yomabere a wagyigya a ɔkɔntɔnkɔntɔn ne kwan,


Asgad mma mu: Hakatan ba Yahonan, na mmarima ɔha ne du ka ne ho.


Na ɔmaa ne mma faa ogya mu, Hinom ba bon no mu, na oyii nkonyaa bisaa ade, yii ntafowa, na ɔyɛɛ asamanfrɛfo ne asumanfo, ne abayisɛm na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne bebree pa ara de huruu AWURADE bo.


Na ɔnantew Israel ahene akwan so, na ɔyeyɛɛ gu ahoni nso maa Baalim.


Ɛnna Israelfo no yii Baal nyinaa ne Astarot, na wɔsom AWURADE nko.


Ɛnna Israelfo su frɛɛ AWURADE sɛ: Yɛayɛ wo bɔne, sɛ yɛagyaw yɛn Nyankopɔn na yɛakɔsom Baalim.


Na Israelfo kɔɔ so yɛɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne; na AWURADE hyɛɛ Moab hene Eglon den tiaa Israel, efisɛ wɔyɛɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne.


Na Yuda abakan Er yɛɛ bɔne AWURADE anim, na AWURADE kum no.


Nso Sodomfo yɛ awudifo ne nnebɔneyɛfo akɛse AWURADE anim.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, wo ne w’agyanom rekɔda, na ɔman yi bɛsɔre akodi asase a wɔrekɔ so hɔ no anananyame akyi aguamammɔ mu, na wɔagyaw me, na wɔato m’apam a me ne wɔn pamee no.


Na anadwo no ara AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Fa w’agya nantwinini, nantwinini a ɔto so abien a wadi mfe ason no, na koburuw Baal afɔremuka a ɛyɛ w’agya de no, na twitwa ɛho Asera nnua no gu.


na ɔsom Baal na ɔsɔree no, na ohuruu AWURADE, Israel Nyankopɔn, bo sɛnea n’agya yɛe no ara.


Ɛnna wɔyɛɛ asowui na wɔtew w’anim atua, na wɔtow wo mmara kyenee wɔn akyi, na wokunkum w’adiyifo a wodii wɔn adanse sɛ wɔde resan wɔn aba wo nkyɛn no, na wɔyɛɛ abusude akɛse.


Nanso wɔsɔɔ ɔsorosoro Nyankopɔn hwɛe tew no ahi, na n’adansesɛm no, wɔanni so.


wɔasan kɔ wɔn tete agyanom a wɔampɛ sɛ wotie me nsɛm no amumɔyɛ mu, na wodi anyame foforo akyi som wɔn. Israel fi ne Yuda fi ato m’apam a me ne wɔn agyanom pamee no.


na Israel de ne ho bɔɔ Baal-peor ho. Na AWURADE bo fuw Israel;


Sɛ wowo mma ne mma mma, na mokyɛ asase no so, na mudi asɛmmɔne yɛ ohoni, ade biara suban, na moyɛ nea enye AWURADE wo Nyankopɔn anim de huru ne bo a,


Na Samuel ka kyerɛɛ Israel fi nyinaa sɛ: Sɛ mode mo koma nyinaa resan aba AWURADE nkyɛn a, munyi ananafo anyame ne Astarot no mfi mo mu, na munsiesie mo koma mma AWURADE, na monsom no nko, na obeyi mo Filistifo nsam.


Na wosu frɛɛ AWURADE sɛ: Yɛayɛ bɔne sɛ yɛagyaw AWURADE akɔsom Baalim ne Astarot, na afei yi yɛn yɛn atamfo nsam, na yɛbɛsom wo.


Na Solomon kodii Sidonfo nyamewa Astoret ne Amonfo Milkom a ɛyɛ akyide no akyi.


Na ɔhyew aduhuam Hinom ba bon no mu, na ɔhyew ne mma ogya mu sɛnea akyide a amanaman a AWURADE tutuu wɔn fii Israelfo anim no yɛe no te no.


Na wufi teteete na wububuu wo kɔndua tetew wo nkyehama mu, na wokae sɛ: Merensom. Efisɛ nkoko a ɛkorɔn nyinaa so ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase na woda bɔ aguaman.


Ɛnne ka kyerɛ wɔn sɛ: Esiane sɛ mo agyanom agyaw me, AWURADE asɛm ni, na wɔakodi anyame foforo akyi asom wɔn asɔre wɔn, na me de, wɔagyaw me, na me mmara nso, wɔanni so,


na wɔbae bedii so no, wɔantie wo, na wɔanni wo mmara so; nea wohyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no nyinaa, wɔanyɛ, enti na woama bɔne yi nyinaa abɛto wɔn yi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios